Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 4—Bɔneka

    “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyɛ ade; na nea ɔka na ogyae no, wɔbehu no mmɔbɔ.” Mmebusɛm 28 : 13.KN 31.1

    Ɔkwan a yɛnam so nya Onyame mmɔborɔhunu no yɛ tia, ɛyɛ pefee, afei ntease worn yiye. Onyame mpɛ sɛ yɛyɛ ade a ɛyɛ den bi ma No ansa na yɛanya bɔne fafiri. Ɛnnyɛ akwantu tenten a emu yɛ den, anasɛ anibere hyɛ mu ansa na yɛde yɛn kara ama Tweaduampɔn Kwame, anasɛ yɛanya bɔne fakyɛ. Na mmom nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no, wɔbehu no mmɔbɔ.KN 31.2

    Ɔsomafo no se “Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ moho, na munyiyi mpae mmoma moho, na wɔasa mo yare.’’ Yakobo 5:16. Monka mo bɔne nkyerɛ Onyame, Ɔno a otumi de bɔne kyɛ, na mo nkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ moho. Sɛ wayɛ wadamfo anasɛ wo nua bi bɔne a, ɛsɛ sɛ wuyi anim, na ɔno nso de bɛkyɛ wo kwa. Afei no etwa sɛ wobɔ mpae srɛ Onyame nso efisɛ onipa a wofom no no yɛ Onyame agyapade. Nti sɛ wofom onipa a, na wayɛ bɔne atia ne Bɔfo ne ne Dimafo nso. Asɛm a ɛte sɛɛ no, yɛde to Odimafo no anim mpaebom, yɛn Ɔsofɔ Panyin Kristo a ohuu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, “nea wɔasɔ No ahwɛ ade nyinaa mu, sɛ yɛn de ara, nso onni bɔne.” Hebrifo 4:15. Na otumi hohoro yɛn ho bɔne nkekae nyinaa.KN 31.3

    Wɔn a wɔmmfaa wɔn mmarato ntoo OnyankopDn anim no, ɛkyerɛ sɛ wɔnyɛɛ biribiara a ɛkyeɛ sɛ Onyame agye wɔn. Sɛ yɛnhuu sɛ adwensakra akyi hia sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyame de a, na yɛda so yɛ bɔne a, na enhia yɛn bɔne fakyɛ; anasɛ yɛnnhwehwɛɛ bɔne fakyɛ; na sɛ yɛnhwehɛɛ bɔne fakyɛ de a, ɛkyerɛ sɛ yɛnhuu Onyame asomdwoe. Ɛnam sɛ yɛmmrɛ yɛn koma ase nni Nokware Asɛm no so nti, yɛn bɔne daso so yɛn. Wɔkasa saa asɛm yi ho kyerɛ yɛn denneennen. Bɔneka no de, sɛ ɛyɛ baguam’ OO, sɛ kɔkoam OO, ɛsɛ sɛ ɛka ɔbɔnefo no koma, na oyi ne yam ka. Ɛnyɛ ɔhyɛ so Ɛnyɛ sɛ ɔbesebese n’ano wɔ bɔne ho kwa, anasɛ wɔhyɛ obi a onya nhuu sɛ bɔne yɛ tan no sɛ ɔnka. Bɔneka a ɛkyerɛ sɛ wo-reyi nea ɛwɔ koma mu nyinaa akyerɛ Onyame no, ɛtwe ɔdeboneyɛni no kɔ mmɔbrɔhunu Agya no nkyɛn. Ɔdwontofo no se, “Treneefo su frɛ, na Yehowa tie, na ogye wɔn fi wɔn ahohia nyinaa mu.” Dwom 34 : 18.KN 32.1

    Nokware bɔneka suban da adi, efisɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛ mu. Ɛbia na ɛyɛ bɔne a ɛsɛ sɛ yɛde to Onyame nkutoo anim, ebi nso a na ɛyɛ yɛnho yɛnho bɔneka, anasɛ baguam bɔne a ɛsɛ sɛ yɛka no bagua no anim. Bɔneka nyinaa, ɛsɛ sɛ yɛ-pae mu pefee ka bɔne ko a yɛayɛ no, na afei yɛdi ho yaw.KN 32.2

    Samuel bere so no, Israel mma twee wɔn ho fii Twea duampɔn ho, nti wɔwɔɔ ntwɛtwɛde, ɛyɛ bɔne no ho asotwe, efisɛ wɔagyae wɔn gyidi mu nti, wɔammu Onyame tumi ne nimdeɛ a ɔde di wɔn so no, wɔammu Ne tumi a ɔde bɔɔ N’adwuma ho ban no koraa. Wɔdann wɔn ho fii Onyame Tumfoɔ ho, na wɔpɛɛ sɛ wɔbu wɔn man te sɛ wɔn a atwa won ho ahyia no de pɛ. Nti ansa na wonyaa asomdwoe no, wɔkaa wɔn bɔne sɛɛ se: “Yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.” 1 Sam. 12:19. Bɔne a wɔyɛe no ɛsɛ sɛ woyi no adi, anasɛ wɔka. Bɔnniayɛ ahyɛ wɔn mu nti, ɛtwee wɔn fii Onyame nkyɛn.KN 32.3

    Bɔneka a ahonnu kɛse ne ahopakyi nnim no, Onyame mmu no hwee. Ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho nso fi ho, na nea etia Nyame nyinaa yɛapo koraa. Sɛ yɛyɛ saa a na ɛkyerɛ sɛ yɛadi bɔne ho awerɛhow. Nti yɛn fam adwuma da adi pefee. “Munnuare, munnwira mo ho! munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi mani so, munnyae bɔneyɛ! Munsua papayɛ, monhwehwɛ atentrenee! monteɛ omimfo so, muni mma ayisiaa, momperɛ okunafo.” Yesaia 1:16, 17. “Sɛ ɔbɔnefo dan awowaside kɔma, ɔhyɛ nea ɔfɛme no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛde mu sɛ ɔrenyɛ amumoyɛde a: onya na obenya nkwa, ɔrenwu.” Hesekiel 33 : 15. Paulo reka adwensakra ho asɛm no ɔse: “Na hwɛ, mo werɛ a ɛhoe Onyame kwan so no ara, nsi kɛsɛ bɛn ara na ɛyɛ maa mo, ne anoyi ne ahi, ne ehu ne anigyina, ne mmɔdenbɔ ne aweredi. Na ade nyinaa mu no muyii moho kyerɛɛ sɛ moho tew, asɛm no mu.” 2 Korintofo 7:11.KN 32.4

    Sɛ bɔne ma obi bra sɛe a, oniko no nnhuu ne suban bɔne no koraa, onnhu ne bɔne a w’aye. Gyesɛ ɔde ne ho ma Honhom Kronkron, anyɛ saa a, n’ani afura ne bɔne ho. Ne bɔneka mpo nni mu, afei emfi koma mu yiye. Sɛ ɔfom obi mpo a onnu ne ho, ose: ɛnam eyi anasɛ ɛno nti na ama mafom wo yi, wo-di bem, saa kyɛw-pa yi mmfi komam koraa.KN 33.1

    Nananom Adam ne Hawa dii dua a ɛnsɛ sɛ wodi no bi nɔ, wɔn ani wui, na wosuroe. Na nea wodii kan dwene ne sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛfa kwan bi so ayi wɔn ano a owu no remma wɔn so koraa. Bere a Onyame bisaa Adam bɔne no ho asɛm no, ɔde asodi no fa too Onyame so, na ɔde fa nso too ne yere so se: “Ɔbaa a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua aba no bi na midii.” Ɔbaa no nso de too ɔwɔ so se: “Ɔwɔ no na ɔdaadaaa me, na midii.” 1 Mose 3:12, 13. Dɛn nti na woyɛɛ ɔwɔ ? Afei dɛn nti na womaa ho kwan maa ɔwɔ baa turo yi mu ? Eyinom na ɔbaa no de tuatuaa ne bɔne no ano, nti ɛkyerɛ sɛ ɔde n’asehwe ho asodi no nyinaa too Onyame so. Gye-wo-ho-di, ne menim, menim, dodo no fii ase wɔ atorofo agya no nkyɛn, saa suban yi ayi adi wɔ Adam mma nyinaa mu. Bɔneka a ɛtesɛ eyinom no, emmfi Nyame-honhom no, nti Onyame mmu no hwee. Nokware adwensakra bɛma obi ate n’ankasa bɔne ase adi ho yaw, a nnaadaa ne nyaatwom biara nnim. Sɛ towgyeni hiani no de te no, ɔmpɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, ɔse, “Onyankopɔn dom me debɔneyɛfo.” Wɔn a wɔte wɔn bɔne ase saa no, wɔbɛgye wɔn, esiane sɛ Yesu de Ne mogya dehye no bɛpa kyɛw ama ɔkara a wasakra n’adwene no.KN 33.2

    Adwensakra ne ahobrɛse ho mfatoho a ɛwɔ Onyame Asɛm mu no de, eyi bɔneka sunsum adi pefee, afei ɛmfa bɔne ho asotwe no nsoa obiara, afei ommu ne ho bem. Paulo ankata ne bɔne so koraa; sɛnea ne bɔne no suban te no ara, oyi no adi pefee se: “Na minyaa asɔfo-mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo beberee miguu afiase; na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi. Na metaa metwee wɔn-aso hyiadan nyinaa mu, na me hyɛe wɔn se wɔnka abususɛm, na mebɔɔ wɔn so dam kɛse boroo so nti, metaa wɔn koduu ananafo nkuro so.” Asomafosɛm 26 : 10, 11. Ɔpaem’ pefee se: “Kristo Yesu baa wiase begyee nneboneyɛfo a midi won mu kan.” 1 Timoteo 1 : 15.KN 34.1

    Koma a abubu berɛfo na asakra yiye no, ani bɛsɔ Onyame dɔ ne Golgata ɛbo a ɛsom no; na sɛnea ɔba ka ne nsɛm kyerɛ n’agya no, saara na nea wannu ne ho bɔne ho no de ne bɔne nyinaa to Onyame anim. Wɔakyerɛw sɛ, “se yɛka yɛn bɔne kyerɛa, ɔyɛ ɔnokwafo ne treneeni, sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.” 1 Yohane 1 :9.KN 34.2

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents