Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 9—Adwuma ne Asetra no

    Onyankopɔn yɛ nkwa ne hann anigye ti ma wiase. Sɛnea owia nsesae fi owia mu, sɛnea nsu fi nsuti mu pue no, saa ara nso na nhyira fi Ne mu ba ma N’abɔde nyinaa. Na baabiara nea Onyame asetra wɔ nnipa komam no, ɛbɛtene aka afoforo nso wɔ ɔdɔ ne nhyira mu.KN 63.1

    Na yɛn Gyefo no anigye ne sɛ Ɔbɛma nnipa a wɔahwe ase no so na wagye wɔn nkwa. Eyi nti wammu Ne nkwa sɛ ɛsom bo de ma N’ankasa, na mmom Ɔsoaa asɛndua no, na wammu aniwude. Saa ara nso na bere biara abɔfo reyɛ adwuma wɔ afoforo ahotɔ ho. Eyi ne wɔn anigye. Nea anka pɛsɛmen komenya koma bebu no sɛ ɛyɛ ɔsom a ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɛyɛ adwuma ama wɔn a wɔyɛ nnipa hunu a akwan nyinaa mu wɔne abɔfo nsɛ abrabɔ pa mu no, yɛ adwuma a abɔfo a wɔnnyɛ bɔne no yɛ. Suban a ɛyɛ Kristo afɔrebɔ dɔ no ne suban a atrɛ soro, na ɛno ne ɔsoro anigye no mu titiriw. Eyi ne suban a Kristo akyidifo benya adwumayɛ suban.KN 63.2

    Sɛ Kristo dɔ no hyerɛn komam a, ɛte sɛ hua a eyi, entumi nhinta. Ne kronkronyɛ tumi no, nnipa a yɛne wɔn hyia no nyinaa bɛte nka. Kristo Honhom a ɛwɔ komam no te sɛ asu bi a ɛwɔ sare so a ɛtene dwudwo nnipa nyinaa, na ɛma wɔn a woreyɛ awuwu ho pre wɔn sɛ wɔbɛnom nkwa nsu no bi.KN 63.3

    Ɔdɔ a yɛdɔ Kristo no bɛda adi wɔ ɔpɛ a yɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ adwuma sɛ Ɔno yɛe no amma adesamma nhyira na y’ama wɔn so. Ɛbɛma y’anya ɔdɔ, ayamye ne ahummɔbɔ ama abɔde nyinaa a yɛn soro Agya no hwɛ wɔn no.KN 64.1

    Agyenkwa no asase so asetra annyɛ asetra a ɛyɛ ahodwɔ, na wanntra ase amma N’ankasa Ne ho, na mmom Ɔkɔɔ so ara de nsiyɛ yɛɛ onipa a wayera no nkwagye ho adwuma a warnmerɛ. Efi mmoa adididan mu dekosii Golgota bepɔw so no, Ɔfaa aho-pa-akyi kwan so na wannhwehwɛ sɛ woyi No fi adwuma a emu yɛ den, akwantu a emu yɛ yaw, ne adwuma a ƐSƐE ahooden mu. Ɔkae sɛ, “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no na Ɔbɛsome, na Ɔde ne kara ayɛ agyede ama nnipa pii.” Mateo 20:28. Eyi na ɛyɛɛ Ne botae kɛse wɔ N’asetra mu. Biribi foforo biara dii saa botae yi akyi na ɛboaa no. Ɛyɛɛ No adidi ne ɔnom sɛ Ɔbɛyɛ Onyame apɛde na wawie N’adwuma. Nankasa honam ne Nankasa yiyedi annya kyɛfa wɔ N’adwumayɛ mu.KN 64.2

    Enti wɔn a wɔyɛ Kristo dom no fafafo besiesie wɛn ho SƐ wɔbɛbɔ afɔre biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a aka a owu maa wɔn no nso benya osoro aky£de no bi. Wɔb£y nea wobetumi biara ma wiase yi ayɛ yiye ama wɔatra mu. Saa suban yi na ɔkara a wasakra nokwarem no nya. Sɛ onipa ba Kristo hɔ a, ntɛm ara na onya ɔpɛ wɔ ne koma mu SƐ ɔbɛka adamfofa a ɛsombo a wahu no Yesu mu no akyerɛ wɔn a aka; ontumi nkora nokware a egye nkwa na ɛtew onipa ho no so wɔ ne komam. Sɛ Kristo trenee no kata yɛn ho na Ne honhom a ɛtra onipa mu no hyɛ yɛn ma a, yɛrentumi nka yd ano ntom. Se yɛaka ahwɛ na yɛahu sc Yehowa ye a, anka yebenya biribi aka. Anka yɛbɛfrɛ afoforo aba Agyenkwa no anim sɛnea Filipo yɛe bere a ohuu no no. Anka yɛbɛpɛ sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn Kristo ho nneɛma a ɛtwetwe nnipa, ne nneɛma a aniwa nhu a ɛwɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Yɛbɛpɛ denneenen sɛ yɛbɛfa ɔkwan a Yesu faa so no so. Yɛbɛpɛ no yiye sɛ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no behu “Onyame Guammaa a oyi wiase bone kɔ” no.KN 64.3

    Na mmɔden a yɛbɔ pɛsɛ yehyira afoforo no bɛdan nhyira ama yɛn ankasa. Eyi nti na Onyankopɔn maa yɛn kyɛfa wɔ Ne gyeadwuma no mu no. Wama nnipa tumi a wɔde benya Onyame-su no, ama wɔn nso ayɛ nhyira ama wɔn mfɛfo. Eyi ne anuonyam a ɛkrɔn koraa, ne anigye kɛse a Onyame betumi de ama nnipa. Wɔn a wɔyɛ saa ɔdɔ adwuma yi bi no nam saa kwan yi so twiw bɛn wɔn Bɔfo no yiye.KN 65.1

    Anka Onyame betumi de Asempa yi ka ne ɔdɔ som yi nyinaa ahyɛ ɔsoro abɔfo nsa. Anka Obetumi afa ɔkwan foforɔ so ayɛ N’adwuma yi. Nanso esiane ne dɔ a emu dɔ no nti, Ɔpɛe sɛ Ɔbɛyɛ yɛn adwumayɛfo aboafo aka Ɔno ankasa ne Kristo ne abɔfo no ho, sɛnea yebenya nhyira ne anigye ne honhom mu nkɔso a efi saa ɔsom a pɛsɛmenkominya nnim no mu no bi.KN 65.2

    Se yɛdwen Kristo ammanehunu no ho a anka yebehu no mmɔbɔ. Afɔre biara a obi de ne ho bɔ ye biribi ma afoforo yiyedi no hyɛ saa onipa yi papayɛ honhom no den wɔ ne koma mu, na ɛma ɔne wiasefo Gyefo no a “Ɔyɛ ɔdefo na nso monti Ɔbɛyɛɛ ohiani, se momfa Ne hia no so nnyɛ adefo” no nkabom no mu yɛ den. Na ɛnam saa Onyame tirimbɔ yi nko so na asetra bɛyɛ nhyira ama yɛn.KN 65.3

    Sɛ wo-bɛkɔ akɔyɛ adwuma sɛnea Kristo ahyehyɛ sɛ N’asuafo nyɛ no, na wagye akra ama No a, ɛnde wobehu ohia a ehia sɛ wunya osuahu a emu dɔ ne nimdeɛ kɛse a ɛfa osoro nneɛma ho, na trenee ho kɔm ne osukɔm bɛde wo. Wobɛsrɛ Onyame ahummɔbɔ, na wo gyidi mu bɛyɛ den, na wo kara bɛnom nkwagye asubura no pii. Sɔhwɛ ne akwanside a wobehyia no bɛma wadan akɔ Kyerɛw Kronkron ne mpaebɔ ho. Wobenyin wo ɔdom ne Kristo ho nimdeɛ mu, na wobenya osuahu a emu dɔ.KN 65.4

    Afoforosom a pɛsɛmenkominya nni mu no ma suban mu dɔ, ase tim, na ɛsɛ Kristo suban fɛfɛ no bi, na ɛde asomdwoe ne ahotɔ ma nea ɔwɔ saa suban no. Ɛma anidaso yɛ kɛse. Emma aniha ana pɛsɛmenkominya kwan. Wɔn a wɔnam saa kwan yi so ne Kristo dom so no benyin na wobenya ahɔoden ayɛ adwuma ama Onyame. Wobenya honhom mu nhumu a emu da hɔ, gyidi a atim na enyin, ne mpaebɔ tumi a ɛkɔ so. Onyame Honhom a ɛnenam wɔn honhom mu no, ma nkabom kronkron ba akara mu a ɛyɛ Onyame frɛ ne mmuae. Wɔn a wɔde wɔn ho si hɔ ma afoforo ho mmɔdenbɔ a pɛsɛmenkominya nnim no, ɛda hɔ pefee se wɔreyɛ wɔn ankasa nkwagye ho adwuma.KN 65.5

    Ɔkwan a wɔfa so nyin wɔ ɔdom mu ara ne se wɔbɛyɛ adwuma a Kristo de ahyɛ yɛn nsa — sɛ yɛbɛboa na yɛahyira wɔn a ehia wɔn mmoa a yɛbetumi ama wɔn no. Adwumayɛ na ɛde ahoɔden ba; nsiyɛ yɛ asetra nyinaso pɛɛ. Wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya Kristo asetra no na wɔma etwa wɔn ho kɔ, na wɔnnye hwee mma Kristo no, wɔbɔ mmɔden tra ase a wɔnnyɛ adwuma. Na sɛnea ɛte wɔ honamfam no, sɛ ɛte wɔ honhomfam nso ne no; sɛ wodidi na wonnyɛ adwuma a ɛnde wosan ase na woprɔ. Obi a ɔmmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma teɛteɛ n’apɔw mu no, ɔbɛyera ahoɔden a ɛwɔ n’apɔw mu no, na ɔrenntumi mfa nnyɛ hwee. Saa ara nso na Okristoni a ɔmmfa ne Nyame-tumi a wɔde ama no nnyɛ adwuma no, ɛnnyɛ sɛ ɔrentumi nyin nko, na ɔbɛhwere n’ahoɔden a ɔwɔ dedaw no nso.KN 66.1

    Kristo asafo no ne nea Onyankopɔn apaw sɛ Ɔbɛfa so agye nnipa nkwa. Asafo no adwuma ne sɛ ɛde Asɛmpa no bɛkɔ wiase nyinaa. Na saa asodi yi da hɔ ma Kristofo nyinaa. Obiara, sɛnea ne dom akyɛde (talɛnte) te no, ne sɛnea onya ho kwan no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea Agyenkwa no ahyɛ sɛ ɔnyɛ no. Kristo dɔ no, sɛ woyi no adi kyerɛ yɛn a, ɛma yɛde wɔn a wonnim no no nyinaa ka sɛ, yɛbɛka Ne ho asɛm akyerɛ wɔn. Onyame ama yɛn hann nanso ɛnyɛ yɛn nko de, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma ɛhyerɛn wɔn a wonnim Kristo no so.KN 66.2

    Se Kristo akyidifo ani aba wɔnho so wɔ adwumayɛ mu a, anka nea obiako wɔ no, mpem-mpem na ɛwɔ hɔ nnɛda yi a wɔka Asɛmpa no wɔ abosomsomfo nsase so. Na wɔn a wɔn ankasa ntumi nnyɛ adwuma no de wɔn sika, ahummɔbɔ ne mpaebɔ bɛboa. Na wɔbɛyɛ adwuma pa pii agye akra wɔ nsase a Kristofo wɔ so so.KN 66.3

    Enhia sɛ yɛko abosomsomfo nsase so, anasɛ yɛpaw yɛn fi kurukuruwa a ɛhɔ na yɛn asɛde wɔ sɛ yɛyɛ adwuma ma Kristo. Yetumi yɛ eyi wɔ yɛn afi mu hyia, wɔ asafo mu, wɔn a yɛne wɔn di afra, ne wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma.KN 67.1

    Yɛn Agyenkwa no asase so tra mu kɛse no ara no, Ɔyɛɛ boaseto adw’uma wo adwinnan no mu wo Nasarɛt. Nkwa wura no, bere a ɔne akuafo ne apaafo adi afra no, na abɔfo asomfo hw£ No, nanso nnipa mma de, wɔanhu onipa ko a ɔyɛ na wɔammu no. Bere a Ɔreyc ahobrɛase adwuma wɔ adwinnan mu no. Ɔyɛɛ no nokware mu tesɛ bere a ɔsaa ayarefo yare anasɛ bere a Ɔnantee Galilea Po a ɛrebɔ asorɔkye no so no. Saa ara na ahobrɛase nnwuma nyinaa mu, Ne wiase abraɔɔ nyinaa mu, ɛsɛ sɛ yɛne Kristo nante na yɛne No yɛ adwuma.KN 67.2

    Ɔsomafo no se. “Biribiara a wɔafre obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Nyankopɔn ntra.” 1 Kor. 7 : 24. Odwumayɛfo nyɛ n’adwuma no sɛnea ɛbɛhyɛ ne wura no anuonyam esiane ne nokwaredi nti. Sɛ ɔyɛ nokware Kristoni de a, ɛsɛ sɛ ɔde n’ anyamesom ko biribiara a ɔyɛ mu, na wayi Kristo suban no adi akyerɛ nnipa. Nea ɔyɛ mfiri ho adwuma betumi ayɛ nokware nsiananmu ama Nea Ɔyɛɛ adwuma ahobɛase asetram wɔ Galilea Mmepɔ mu no. Obiara a ɔbɔ Kristo din no, ɛsɛ sɛ cyɛ adwuma wɔ ɔkwan bi so a sɛ afoforo hu ne nneyɛe pa no a ɛbɛma wɔahyɛ wɔn Bɔfo ne Gyefo no anuonyam.KN 68.1

    Pii no ara ayi wɔn ho ano afi akyɛde a wɔbɛma de ayɛ kristo adwuma no ho, efisɛ afoforo wɔ nea ɛkyɛn no na ɛho wɔ mfaso. saa adwene yi yi adi sɛ wɔn a wɔwɔ ɔdom akyɛde nko na ehia sɛ wɔde wɔn ahoɔden yɛ onyame adwuma. pii no ara ate ase sɛ wɔde ɔdom akyɛde no ma nnipa mu fekuw bi a wɔapaw wɔn afi afoforo mu nko a wɔn de wɔmfra wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wonya adwumayɛ so akatua no bi. nanso ɛnyɛ saa na abebu no kyerɛ. bere a ofi wura no frɛɛ ne nkoa no, ɔmaa obiara “talent” ne dom akyɛde.KN 68.2

    Ɛsɛ sɛ yɛde ɔdɔ honhom yɛ asetram nnwuma te sɛ yɛyɛ “ma Awurade.” Kol. 3 : 23. Sɛ Onyame dɔ wɔ komam a ɛbɛda adi wɔ asetram. Kristo ho hua huamhuam no betwa yen ho ahyia ama yɛn mmɔdenbɔ akɔ so na ayɛ nhyira.KN 68.3

    Ɛnsɛ sɛ wotwɛn bere kɛse bi anasɛ tumi a ɛso bi mmaa da ansa na wayɛ onyame, adwuma. ɛnsɛ sɛ wudwen nea wiasefo besusuw wɔ wo ho no ho. sɛ wo daa asetra di wo gyidi no nokware a ɛyɛ no ho adanse, na afoforo hu sɛ wo-pɛ sɛ wo-ma wonya mfaso pa bi a, ɛnde wo mmɔdenbɔ no rennyɛ ɔkwa.KN 68.4

    Kristo asuafo mu ketewaa ana ohiani buroburo mpo betumi ayɛ nhyira ama afoforo. Ebia wɔrenhu sɛ wɔreyɛ papa titiriw bi de, nanso adwuma ketewaa a wɔyɛ nanso wonnhu no bɛtrɛtrɛ ayɛ nhyira kɛse a wɔrennhu kosi da a wobenya wɔn akatua a edi awiei no. Wɔnnte nka na wonnim sɛ wɔreye adwuma kɛse biara. Enhia sɛ wɔbrɛ wɔn ho pii bi hwɛ sɛ wobedi nkonim ana. Nea ehia sɛ wɔyɛ ara ne se wɔkɔ so komm yɛ adwuma a Onyame ahyehyɛ no nokwarem, na wɔn asetra rennyɛ ɔkwa. Wɔn ankasa kara bɛkɔ so anyin asɛ Kristo; wɔyɛ Onyame adwumayɛfo wɔ asetra yi mu, na wɔnam ne saa yɛ so resiesie wɔn ho ama adwuma foforo a ɛkrɔn no ne asetra foforo mu anigye a ɛreba no.KN 68.5

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents