Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 1—Onyame dɔ a Ɔdɔ Onipa

    Abɔde ne adiyi bom kyerɛ Onyame dɔ. Yɛn Agya a ɛwɛ soro no yɛ nkwa, nyansa ne anigye mfiase. Hwɛ adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ fɛ no. Dwen sɛnea wahyehyɛ no nwonwa mu a ɛnnyɛ onipa nko na ɛma nea ehia no ne ahosɛpɛw ka ne nsa, na mmom abɔde a ɛtete ase nyinaa nso. Owia ne osu a edwudwo asase anigye mu, nkoko ne po ne asaseta, ne nyinaa ka Ɔbɔadeɛ no dɔ. Ɛyɛ Onyame na ɔma N’abɔde nyinaa nea ehia wɔn dabiara. Odwontofo no ka wɔ ne dwom dɛdɛ no mu se, “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan sɛ woma wɔn, wɔn aduan wƆ ne bere mu. Wobue wo nsam, Na ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee” Dwom 145:15, 16.KN 7.1

    Onyame bɔɔ onipa wɔ pɛyɛ kronkron ne ahotɔ mu, na asase a ɛyɛ sɛnea efi Ɔbɔadeɛ no nsam no anhyɛn porɔw ana sɛ nnuabɔ sunsuma ase. Ɛyɛ Onyame mmara no to — ɔdɔ mmara no — na ɛde amane ne owu aba. Na nso mpo amanehunu a efi bɔne mu no Onyame dɔ no yi neho adi wom. Wɔakyerɛw se Onyame domee asase wɔ onipa nti. (1 Mose 3 : 17, 18.) Nsɔe ne nnɛnkyɛnse — abɛberɛsɛ ne sɔhwɛ a ɛma saa asetra yi adwu- mayɛ ne ɔbrɛ no — wɔde maa no wɔ ne yiye-di nti no, yɛ ɔyɛn no fa a ɛho hia wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔde ma no so fi ɔsɛe ne aseberɛ a bɔne de aba no mu.KN 7.2

    Ɛwom sɛ wiase ahwe ase de, nanso ɛnnyɛ awerɛhow. Anidaso ne awerɛkyekye nsɛm wɔ abɔde ankasa mu. Nnɛnkyɛnse no sow nhwiren huanhuam.KN 8.1

    “Onyankopɔn ne dɔ” no yi adi wɔ nhwiren ne nwura biara ho. Nnomaa a wɔn ho yɛ anika no, de wɔn ahotɔ nnwom no ma mframa mu gyigye, na nhwiren a ɛyɛ fɛ no de wɔn hua a ewie pɛyɛ no ma mframa mu yɛ huam, na nnua atenten a ƐWƆ kwaem’ de wɔn nhaban momono no — nyinaa di yɛn Agya Nyankopɔn hwɛ pa, ne Ne pɛ a ɔpɛ sɛ ɔma ne mmofra nya ahotɔ no ho adanse.KN 8.2

    Onyankopɔn asɛm no yi Ne su adi. Nankasa apaem aka Ne dɔ ne ahummɔbɔ no pefee. Bere a Mose bɔɔ mpae se “Ma minhu W’anuonyam” no Awurade buae sɛ “Mɛma Me papa nyinaa asen wo anim.” 2 Mose 33 : 18, 19.KN 8.3

    Eyi ne N’anuonyam. Na Yehowa betwaam wɔ Mose anim, na ɔpaee se, Yehowa, Yehowa, Onyame mmɔborohunufo ne ɔdomfo, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne Ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem ahorow na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.” 2 Mose 34:6, 7. Wobo kyɛ fuw, na w’adɔe dɔɔso” (Yona 4:2), “efisɛ adɔe mmom na ɔpɛ.” Mika 7 : 18.KN 8.4

    Onyankopɔn nam nsɛnkyerɛne a enni kabea a Ɛwɔ ɔsoro ne asase so no aka yɛn koma abɔ Neho. Ɔnam abɔde mu nneɛma akɛse ne nketewa a aka abom a onipa koma tumi te ase so ayi Ne ho adi akyerɛ yen. Nanso eyinom mpo ntumi nkyerɛ Ne dɔ nnwie. Ɛwom sɛ eyinom nyinaa di Ne ho adanse de, nanso Ɔtamfo no asɛe nnipa adwene a enti wɔde osuro hwɛ Onyankopɔn a wɔdwen No ho sɛ otirimmɔdenfo, ne nea ɔmmfa mmfiri. Satan ma nnipa susuw Onyame ho Sɛ nea N’atemmu yɛ den — obi a ɔyɛ otemmufo tirimmɔdenfo, kadanfo a ɔyɛ den. Ɔde Ɔbɔadeɛ no asi wɔn ani so sɛ Nea ɔde anibere rewɛn se obehu nnipa nnebɔne ne mfomso mu fann, na wabu wɔn nten. Yesu baa wiase beyii Onyame dɔ a ɛto ntwa da no adi de ayi adwemmɔne yi afi nnipa mu. Onyankopɔn Ba no fii soro beyii Agya no kyerɛe. “Obi nhuu Onyankopɔn pɛn ɛ, Ɔba a ƆWOO no koro a ƆWƆ Agya no kokom no, Ɔno na wabɛka akyerɛ.” Yohane 1 : 18. “Obiara nhu Agya no mu sɛ Ɔba no, ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.” Mat. 11:27. Bere a asuafo no mu biako bisae sɛ, “kyerɛ yɛn Agya no” no, Yesu buae sɛ, “Me ne mo wɔho dabidabi yi, wunhuu Me anaa? Filipo? nea wahu me no ahu Agya no; na ɛyɛ den na wuse kyerɛ yɛn Agya no? Yohane 14:8, 9.KN 8.5

    Ɛfa N’asase so dwumadl ho no Yesu kae se, “Awurade honhom wɔ me so, na enti vvasra me sɛ me mmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ me mmɛsa wɔn a wɔn koma abubu ayare, na me mmɛka ogye menkyerɛ nnomum, ne adehu menkyerɛ anifuraefo na me mmegya wɔn a wɔapɛtɛw wɔn kwan me mmegye wɔn.” Luka 4 : 18, 19. N’adwuma ni. Okyin yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a Satan ahyɔ wɔn so nyinaa yare. Nkuraa no nyinaa mu baabiara nni hɔ a nyarewa mu nteɛteɛm wɔ, efisɛ na wafa mu na wasa wɔn yare no nyinaa. N’adwuma no dii Ne Nyameyɛ nno-sra no ho adanse.KN 9.1

    Ɔdɔ, ɔdom ne ahummɔbɔ yii adi wɔ N’abrabɔ nyinaa mu. Ayamhyehye kaa ne koma maa nnipa mma. Ɔfaa onipa suban, ama wahu nea ehia onipa. Ahiafo ne mmɔborɔfo buroburo ansuro sɛ wɔbɛbɛn No. Mmofra nketewa po twiw bɛn No. Wɔdɔ se wotra Ne nan so, na wɔhwɛ N’anim a ɛtew no.KN 9.2

    Yesu annyaw nokwasɛm no biako po, na mmom ɔde ɔdɔ kae bere biara. Ɔde boasetɔ a nyansa, adwene a ayamye worn ne nkurɔfo no hyiae. Wannyɛ basabasa da, Wanka nsɛm a emu yɛ den na ɛho nni mfaso da; Wamfa ɔyaw a ɛho nhia amma ɔkara bi da. Wanyi onipa mmerɛwyɛ ho ntɛn. Ɔkaa nokware no bere nyinaa wɔ ɔdɔ mu. Ɔkasa tiaa nyaatwom, ogye a wonnye nni ne amumɔyɛ, nanso ɔde awerɛhow nne kaa n’animka nsɛm no. Osuu Yerusalem, kurow kɛse a ɔdɔ no no a wannye Ɔno a Ɔye ɔkwan, ne nokware ne nkwa no. Wɔapo Ɔno a Ɔyɛ Agyenkwa no nanso ɔde ahummɔbɔ a ɔdɔ wom huu wɔn mmɔbɔ. N’asetra yɛɛ ahopakyi ne afofro ho nweneho. Ɔkara biara som bo wɔ N’ani so. Ɔno na ɔwɔ Nyame tebeam de, nanso ɔde odwo buu Onyame busuani biara. Ohuu akara a ahwe ase wɔ nnipa nyinaa mu a ɛyɛ N’adwuma sɛ ogye wɔn nkwa.KN 9.3

    Eyi ne Kristo suban a ɛdaa adi wo N’asetra mu. Eyi ne Onyankopɔn su. Efi Agya no koma mu na ahummɔbɔ asubɔnten no yi adi wɔ Kristo mu, na ɛsen fi kɔ nnipa mma mu. Yesu a ɔyɛ odwo, ahummɔbɔ ne Agyenkwa mmɔborɔhunufo no, na ɔyɛ Onyame a “oyii ne ho adi ɔhonam mu.” 1 Tim. 3 : 16.KN 10.1

    Ɛyɛ yɛn gye nti na Yesu traa ase huu amane na cwui. Ɔbɛyɛɛ “yaw Nipa” sɛ yɛnyɛ daa nkwa no ho fafafo. Onyankopɔn maa Ne dɔ Ba a ɔdom ne nokware ayɛ no ma no kwan sɛ omfi wiase a n’anuonyam nni kabea no mu mmra wiase a bone afura no ntama, na owu sunsuma ne nnome ama ayɛ tumm no mu. Agya no maa no kwan sɛ omfi Ne dɔ kokom ne abɔfo no ayeyi ho, na Omehu animguase, ɔyaw ahobrɛase, ɔtan ne owu.KN 10.2

    “Yɛn asomdwoe ho asotwe daa no so, na N’akurum’ na wɔasa yɛn yare.” Yesaia 53 : 5. Hwɛ no wɔ sare so hɔ wɔ Getsamane ne asɛndua no ho. Onyame Ba a nkekae nni ne ho no faa bone adesoa no soae. Nea anka ɔne Onyame ayɛ biako no tee nka wɔ Ne komam’ wo ntetewm’ a ɛyɛ hu a bɔne de ato Onyame ne nnipa ntam no. Na ɔde awerɛhow teɛem’ se “Me Nyame, Me Nyame dɛn nti na wo agyaw me?” Mateo 27 : 46. Ɛyɛ bone adesoa ne ɛho adwennwen, ne ɔkara no ne Onyame ntam tetew — eyi na ebubuu Onyame Ba no koma.KN 10.3

    Nanso saa afore kɛse yi wammɔ sɛnea ɛbɛyɛ na ɛde onipa ho dɔ bɛba Agya no koma mu ma wanya ɔpɛ de agye nkwa. Dabi da! “Sɛnea Onyankopon do wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro mae.” Yoh. 3 : 16. Agya no do yɛn, ɛnnyɛ saa mpata kɛse yi nti, na mmom, ɔmaa saa ɔdom no efisɛ ɔdɔ yɔn. Kristo ne nea ɔnam ne so a otumi hwie ne Nyame dɔ no gu wiase a ahwe ase no so. “Onyame traa Kristo mu repata aka wiase abɔ no ho.” 2 Kor. 5 : 19. Onyame ne Ne Ba huu amane. Getsemane ahoyeraw mu, asɛndua ho wu mu, Onyame dɔ koma no tuaa yɛn gye ho ka.KN 10.4

    Yesu kae sɛ, “Eyi nti na Magya dɔ me, efisɛ mede me kara metoo hɔ, na mafa bio.” Yoh. 10 : 17. Ɛnɛ sɔ “Magya adɔ mo, na ɔdɔ me mmoro so sɛ me de me nkwa agye mo nti, sɛ masi mo anan mu adi mo agyinam, sɛ mede me nkwa ato hɔ, na mafa mo asodi, mo mmarato nti, Mesom bo ma M’agya: na ɛnam m’afɔrebɔ no so a Onyankopɔn atumi ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.”KN 12.1

    Obiara nni hɔ gye Onyankopɔn Ba no na otumi gye yɛn, efisɛ ɔno na ƆWƆ Agya no kokom’ na otumi yi No adi kyerɛ. Nea onim Onyankopɔn dɔ no tenten ne mu dɔ na otumi yi no adi. Biribiara nni hɔ a etumi kyerɛ Onyame dɔ a Ɔde dɔ adesa mma, gyesɛ Kristo afɔre a ɔbɔ maa adesa mma a wɔahwe ase no.KN 12.2

    “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni sɛ ɔde ne Ba koro mae.” Wamfa no amma sɛ ɔntra nnipa mu, nsoa wɔn bɔne, na wawu afɔrebɔ wu nko, na mmom Ɔde no maa wiase a ahwe ase no. Kristo yii Ne ho adi wɔ adesa anigye ne wɔn ahiade ho. Nea Ɔne Nyame yɛɛ biako no, Ɔne nnipa mma abom wɔ hama a emu ntetew da mu. ” Ɛnyɛ Yesu aniwu se ɔbɛfrɛ wɔn ne nuanom.” Heb. 2 : 11. Onipa Ba no yɛ yɛn afɔrebɔde, yen kyigyinafo, yɛn nua a okura yɛn honam tebea wɔ Agya no ahennua anim, na ɔnam so fi tete nna no mu agye yɛn. Na eyinom nyinaa na atumi ama onipa so afi bɔne asebrɛ ne ne sɛe mu, na wayi Onyame dɔ no akyerɛ na wanya Ne kronkron yɛ mu anigye no bi.KN 12.3

    Bo a wotua de gyee yɛn, ne yɛn soro Agya no afɔre a ɔbɔe sɛ ɔde ne Ba mae ma obewu maa yɛn no, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn nsusuwi pa wɔ nea yɛnam Kristo so bɛyɛ ho. Sɛnea Ɔsomafo Yohane a wɔatew n’ani huu Agya no dɔ no tenten ne mu dɔ ne ne terɛw wɔ wiase a ɛreyera ho no, ayeyi ne nnidi hyɛɛ no ma, na wantumi anhu ɔkasa a ɛfata sɛ ɔde yi saa ɔdɔ yi kɛse-yɛ ne n’ayamye adi no, ɔfrɛɛ wiase sɛ wɔnhwɛ. “Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn se wɔfrɛɛ yɛn Onyankopɔn mma.” 1 Yoh. 3:1. Monhwɛ ne bo a ɛsom ma nnipa! Mmarato ma nnipa mma yc Satan nkoa, nanso Kristo afɔrebɔ no mu gyidi ma Adam mma tumi yɛ Onyame mma. Kristo faa onipa suban no Ɔmaa adesa mma so. Nnipa mma a wɔahwe ase no wɔde wɔn agyina baabi a wɔne Kristo ka bom a din no fata wɔn ampa sɛ “Onyankopɔn mma.” Ɔdɔ a ɛte sɛɛ ɛso bi nni.KN 12.4

    Ɔsorohene no mma! Bɔhyɛ a ɛsom bo ni! Ade titiriw a ehia nsusuw a emu dɔ! Onyankopɔn dɔ a ɛne biribiara nsɛ ma wiase a ɛnnɔ No no! Nsusuwi yi wɔ ahoɔden a ɛhyɛ ɔkara so, na ɛfa adwene dommum de hyɛ Onyankopɔn pɛ ase. Mmere dodow a yesua Onyame suban no wɔ asɛndua no ho hann mu no, mmere dodow no ara na yehu ɔdom, ayamye ne fafiri a atɛntrenee ne atemmu ahyɛ no ma no, na saa bere no mu na yehu ɔdɔ a ɛyɛ pɛ na ɛkorɔn ne ahummɔbɔ a ɛkyɛn nea ɛna mpo wɔ ma ne ba kobɔfo.KN 13.1

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents