Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 5—Ahofama

    Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ, “Mobɛhwehwɛ me ahu me, efisɛ mode mo koma nyinaa bɛhwehwɛ makyi kwan.” Yer. 29 : 13.KN 35.1

    Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ma Onyankopɔn, sɛ ɛnte saa a, ɛnde nsakrae a ɛde yɛn besi ne suban so no renwie pɛyɛ wɔ yɛn mu. Yɛn awosu ayi yɛn afi OnyankopDn ho. Honhom Kronkron no kyerɛ yɛn gyinabea mu sɛ: “Anka moyɛ awufo mfomso ne nnebone mu;” “eti nyinaa yare, na koma nyinaa aguro;” “mudi biara nni no ho.” Ɔbonsam akyere yɛn dennen wɔ n’afiri mu; “Wakyere wɔn sɛ wɔnye nea ɔpɛ.” Ef. 2 : 1; Yes. 1 : 5, 6; 2 Tim. 2 : 26. OnyankopDn pɛ sɛ ɔsa yɛn yare, ma yɛade yɛn ho. Nanso sɛ eyi hia yɛn ahodan nyinaa ne su foforo nti, etwa sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ma No koraa.KN 35.2

    Ɔko a yɛn ne yɛn ho ko no yɛ den sen ɔko biara. Ahoyi ne ade nyinaa mu ahofama a yɛde ma Onyankopɔn no hia aperepere; nanso ɛsɛ ɔkara no sɛ ɔde ne ho ma Onyankopɔn ansa na wahyɔ ne kronkronyɔ no mu den.KN 35.3

    Onyankopɔn Ahenni no nte sɛnea Ɔbonsam pɛ sɛ oyi adi yi, a ɔde anifurae ne adwene a emu ntew kyerɛ mu no. Ɛka adwene ne ahonim. “Mommera mma yenni Ɛ!” (Yes. 1 : 18), ne ɔfrɛ titiriw a Onyankopɔn de frɛ N’abɔde a wayɛ wɔn no. Onyan- kopɔn nhyɛ N’abɔde biara. Ɔrennye ɔsom a emfi ɔpɛ ne adwenem tew mu biara ntom. Ɔsom mu ɔhyɛ besiw nkɔso anasɛ animka biara ho kwan wɔ adwene ne suban mu; ɛbɛma onipa ayɛ sɛ obi a ɔno ara ntumi nnwene mma ne ho. Eyi nyɛ Ɔbɔɔade No tirimbɔ. Ɔpɛ sɛ onipa a odi N’abɔde so tumi no nya nkɔso pa.KN 35.4

    Ɔde nhyira a ɛkrɔn a ɔpɛ sɛ yɛnam Ne dom so du ho no asi yen anim. Ɔfrɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho mma no, na wayɛ Ne pɛ adwuma no wɔ yɛn mu. Ehia ma yɛn sɛ yɛpaw, sɛ ebia yɛde yɛn ho wɔ bɔne nkoasom mu na yɛanya Onyame mma anuonyam adehyedi no bi.KN 37.1

    Bere a yɛde yɛn ho rema Onyankopɔn no, ɛsɛ yɛn sɛ yegyaw nea ɛbɛtetew yɛn ne Ɔno ntam no nyinaa mu koraa. Enti na Agyenkwa no ka se: “Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea Ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.” Luka 14:33. Ɛsɛ se yegu biribiara a ɛbɛtwe yɛn koma no afi Onyankopɔn nkyɛn. Mammon anasɛ Ahonyade na nnipa beberee som. Sikapɛ ne ahonyade mu ɔpɛ ne hama a ɛkyere wɔn bata Satan ho. Din ne wiase anuonyam ne nea ebinom nso som. Afoforo nso som ɔbra mu ahodwo ne asodi mu ahoɔ. Saa nkoasom mu nkyehama yi hia ma sɛ wɔtetew mu. Yɛrentumi nsom Onyame ne wiase. Yɛrentumi nyɛ Onyame mma gyesɛ yɛde yɛn ho ma no koraa. Nnipa binom nso wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyame, nanso wɔde wɔn ho ato wɔn ankasa mrrodenbɔ so sɛ wɔbɛyɛ aso ama Onyankopɔn mmara, de anya suban pa akɔ nkwagye mu. Kristo ho do no nkaa won koma ɛ, na mmom wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛbɔ Kristofo abrabɔ de ayɛ sɛnea Onyame hwehwɛ sɛ wɔnyɛ na wɔmfa ntɔ Ɔsoro ahenni no. Saa Nyamesom yi yɛ ɔkwa. Sɛ Kristo tra koma mu a, Ne dɔ no bɛhyɛ ɔkara no ma a ɛbɛma no anigye ayɔnkofa a ɛbɛtwe no abɛn Kristo, na Ne ho adwennwen no remma ommu ne ho. Kristo ho dɔ no bɛkanyan yɛn. Wɔn a wɔte Onyamedɔ nka wɔ wɔn mu no mmpɛ sɛ wɔde adeketewa bi sɔ Onyame ani kwa; wɔnhwehwɛ ahodwo Nyamesom, na wɔn botae ne sɛ wɔbɛyɛ pɛ wɔ wɔn Gyefo No pɛ mu. Kristo-som hunu a saa ɔdɔ yi bi nni mu no yɛ ɔkwa, ɛyɛ nhyehyɛe kɛse a enhia ne adwumayɛ hunu a enni akatua.KN 37.2

    So wo susu sɛ ɛyɛ den mmoroso sɛ wogyae ne nyinaa mu de bɔ afɔre ma Kristo ana? Bisa wo ho sɛ — “Dɛn na Kristo ayɛ ama me?” Yɛn gye nti Onyankopɔn Ba No de ade nyinaa mae — nkwa, ɔdɔ ne amanehunu. So ɛyɛ sɛ yɛn a yɛmfata ɔdɔ kɛse yi bɛkora yɛn koma afi Ne ho? Yɛn asetra nyinaa mu yɛayɛ ne dom no ho fafafo, na ɛnam saa onim a yennim yi so nti yentumi nhu ogye a ɔde agye yɛn no kɛseyɛ. So yɛbɛtumi ahwɛ nea yɛn bɔne nti wɔwowɔɔ no no anim na yɛatumi ayɛ biribi a ɛne Ne dɔ ne N’afɔrebɔ no bo abira? Sɛ wohwɛ Anuonyam Hene ahobrɛase no a, na ehia se enam sɛ yɛde aprepre ne ahobrease na ɛkɔ nkwa mu nti yennwiiwii?KN 38.1

    Nea ahantanfo pii bisabisa wɔ wɔn komam ne sɛ, “Dɛn nti na ehia sɛ mebrɛ me ho ase na meka me bɔne ansa na magye atom sɛ Onyankopɔn ne me ayɛ nkabom?” Meyi Kristo adi kyerɛ wo. Wanyɛ bɔne, na nea ɛkyɛn eyi ne sɛ, Ɔno ne ɔsorohene ba; Ɔbɛsii nnipa anan mu, faa wɔn bɔne. “Wɔabu no atia mmaratofo, nso Ɔno na wasoa nnipa beberee bɔne no, na wadi ama mmaratofo.” Yes. 53 : 12.KN 38.2

    Na dɛn ade titiriw na sɛ yɛde ne nyinaa ma a na yɛadan ne nyinaa agu koraa no? Ɛne bɔne koma a aporɔ no a yɛde ma Yesu sɛ onwira ho, na ɔmfa Ne dɔ a enni kabea nye no no. Nanso nnipa mma susuw sɛ ɛyɛ den sɛ wobegyaa mu. Ɛyɛ me aniwu se wɔbɔ din anase mekyerɛw po.KN 38.3

    Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ yegyae yɛn ade bi a ehia yɛn titiriw mu. Nea Ɔyɛ nyinaa mu no, Ɔdwɛn Ne mmofra yiyedi ho nso. Anka Kristo pɛ sɛ wɔn a wɔmpaw No no te ase sɛ Ɔwo biribi pa bi ma wɔn sen nea wɔhwehwɛ no. Sɛ ɔdesani fa n’ankasa adwene na ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani tia Onyame pɛ a na ɔreyɛ ne ho bɔne asisi ne kara. Ade biara a Onyankopɔn a Onim nea eye na Ɔyɛ nea eye ma N’abɔde no asiw ho kwan no, wɔrennya anigye biara wɔ mu. Mmarato kwan yɛ mmusu ne ɔsɛe kwan.KN 38.4

    Ɛye mfomso kɛse sɛ yesusu sɛ ɛsɔ Onyankopon ani sɛ Obehu ne mmofra sɛ wɔwɔ amanehunu mu. Ɔsorofo nyinaa anigye wɔ onipa ahotɔ ho. Yɛn soro Agya no nsiw anigye ho kwan ntia N’abode biara. Nea Onyankopɔn dɛ Nɛ pɛ frɛ yɛn wɔ mu ne sɛ yɛbɛpo nneyɛe a ɛde yawdi ne nnaadaa bɛbrɛ yɛn a ɛbɛtow ahotɔ ne ɔsoro pon no mu atia yɛn. Wiase yi mu Ogyefo no gye nnipa mma nyinaa tom sɛnea wɔte; ogye wɔn ne wɔn ahiade mu a wonni ne wɔn mmerɛwyɛ; enyɛ sɛ Ɔbɛpopa bɔne na ɔnam ne mogya so agye wɔn nko, na wɔn a wɔpene so sɛ wɔbesoa Ne kondua ne N’adesoa no, Ɔbɛyɛ wɔn ahwehwɛde ama wɔn. Ɛyɛ Ne pɛ sɛ ɔde asomdwoe ne ɔhome bɛma wɔn a wɔba Ne nkyɛn bɛhwehwɛ nkwa abodoo no. Ɔhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ adwuma a ɛde yɛn bɛko anigye kɛse a asocdenfo no rentumi nya no mu. Ɔkara no anigye ne sɛ ɔbenya Kristo abrabɔ a anuonyam anidaso no wɔ ne mu.KN 39.1

    Nnipa pii rebisa se, “Mɛyɛ dɛn na mede me ho mama Onyankopɔn koraa ?” Wo-pɛ sɛ wode wo ho ma No, nanso woyɛ mmerɛw wɔ ɔbra pa mu, akyinye afa wo dommum, na w’asetra bɔne adi wo so hene. Wo bɔhyɛ ne wo tirimbɔ te sɛ hamawui. Wontumi nni w’oadwene, ne wo pɛ, ne w’akɔnnɔ so. Wo bɔhyɛ a ɛwɔ w’oanni so ne wo nsua hunu ho adwennwene abrɛ wo nokwaredi ase, na ɛma wo dwen sɛ ebia Onyankopɔn rentumi nnye wo ntom, nanso mpa abaw. Nea ehia sɛ wuhu ne tumi a ɛwɔ ɔpɛ mu. Eyi ne tumi a edi onipa suban ne opaw mu nsusai so. Biribiara gyina ɔpɛ so. Ɔpaw mu tumi no Onyankopɔn de ama onipa; ɛsɛ sɛ wode yɛ adwuma. Woankasa de worentumi nsakra wo koma, emu pɛ no nso worentumi mfa mma Onyame; na mmom wobetumi apaw sɛ wobɛsom no. Wobetumi de wo pɛ ama no; ɛno na Ɔnam n’anisɔ so bɛyɛ Ne pɛ adwuma wɔ wo mu. Na Ɔde wo suban nyinaa bɛhyɛ Kristo honhom ase; woakɔnnɔde nyinaa begyina No so, na w’adwene ne Ne de ayɛ biako.KN 39.2

    Papayɛ ne kronkronyɛ ho ɔpɛ no ye; nanso eyinom nko ntumi nyɛ hwee. Bere a nnipa pii ani da kwan na wɔrehwehwɛ ayɛ Kristofo no wɔbɛyera; efisɛ wɔmfa ɔpɛ no nhyɛ Onyame nsa, na wonnya mpawe sɛ wɔbɛyɛ Kristofo.KN 39.3

    Sɛ wode ɔpɛ no yɛ adwuma ɔkwan pa so a, nsakrae pa bɛba w’asetram. Sɛ wode wo pɛ hyɛ Kristo nsa a, na wode wo ho abata tumi a ɛboro mpanyinni ne tumidi nyinaa so. Wobenya ahoɔden afi ɔsoro a ɛbɛma woagyina pintinn, na ɛnam daadaa ahofama so woatumi anya nkwa foforo a ɛne gyidi asetra no.KN 40.1

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents