Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 13—Momma mo ani nnye Awurade mu

    Nyame frɛ Ne mma sɛ wommesi Kristo anan mu, nyi Awurade papayɛ ne Ne mmoborohuni adi. Sɛnea Yesu ayi Agya no suban adi akyerɛ no, sa ara na yen nso etwa sɛ yeyi Kristo kyerɛ wiase a wonnim Ne timmɔbɔ ayamye no. Yesu kae sɛ, “sɛnea wosomaa me wiase no, saara nso na me nso mesoma wɔn wiase.” “Me-wɔ wɔn mu na wowɔ me mu, . . . na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me.” Yoh. 17 : 18, 23. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ Yesu Asuafo se, “Mo-da adi sɛ moyɛ Kristo nwoma,” “a nnipa nyinaa hu na wɔkan” 2 Kor. 3 : 2.. Yesu nam Onyame ba biara so de nhoma kɔma wiase. Sɛ woyɛ Kristo kyidini a, ɔde nwoma nam wo so kɔma abusua, akuraa,borɔn biara a wote so. Yesu a ɔte wo mu no pɛsɛ ɔkasa kyerɛ wɔn a wonnim no no koma. Ebia wɔnnkan Kyerɛw Kronkron no, anasɛ wonntie emu nsɛm; wonnhu Onyame dɔ wɔ Ne nnwuma mu. Nanso sɛ wo-yɛ Yesu nanmu-si-ni nokware mu a, ebia Ɔnam woso bɛma wɔn anya Ne papayɛ no ho ntease, na watwe wɔn ama wɔadɔ Onyame asom No.KN 97.1

    Kristofo na wɔayi wɔn sɛ wiase hann a, ɛde kɔ ɔsoro. Enti ɛsɛ sɛ hann a wɔanya fi Yesu nkyɛn no, wɔdan ma wiase. Ɛsɛ sɛ wɔn asetra ne wɔn suban yɛ sɛnea ebinom bɛfa so ahu sɛnea Kristo suban ne Ne som te.KN 97.2

    Sɛ yegyina Kristo ananmu ampa de a anka yɛbɛma Ne som no ayɛ fɛ te sɛnea ɛte no ara. Kristofo a wɔde kunsunkunsun ne awerɛhow hyɛ wɔn kara so, na wonnwiinwii di nkɔmmɔ no nnkyerɛ Onyame su ne Kristosom nokware mu. Wɔma nnipa susuw sɛ ɛnnyɛ Onyame pɛ sɛ Ne mma ani bɛgye, eyi mu na wodi adansekrum tia yɛn soro Agya no.KN 98.1

    Sɛ ɔbonsam tumi ma akyinnyegye ne abaw-pa ba Onyankopɔn mma mu a, na n’ani agye. Ɛyɛ n’anigye sɛ obehu yɛn sɛ yennye Onyankopon nni ɔkwan pa so, na yegye Ne pɛ a Ɔpɛ ne Ne tumi a Otumi gye yen nkwa no ho akyinnye. Ɔpɛ sɛ yɛte nka se nneɛma ahorow a Onyame de ma yɛn no Ɔde bɛhaw yen. Ɛyɛ obonsam adwuma sɛ ɔde Awurade kyerɛ sɛ Onni ayamhyehye ne timmobo biara. Ɔnnka Onyankopon ho asem pa. Ɔma yesusuw Onyame ho nsusu bɔne; Na yɛn nso, sɛnea anka ɛsɛ sɛ yegyina nokware a ɛfa yɛn soro Agya ho no, yɛtaa de yɛn adwene si obonsam nsusu bone no so mmom, na yɛnam akyinnyegye ne anwiinwii so gu Onyame anim ase. Satan hwehwɛ bere nyinaa sɛ oma anyamesom yɛ awerehowdi. Dpe sɛ oma Onyamesom yɛ ade bi a ɛyɛ oberɛ na ɛyɛ den; na sɛ Okristoni nam n’asetram yi saa nsusui yi adi a, na onam ne gye a onnye nni so reboa Satan. Dodow a wowo saa asetra yi mu no de won ho to won mfomso ne won tumi a wontumi ne won huammo so, na awerɛhow ne komatu hyɛ won ma. Bere a me-wo Aburokyiri no, onuabea bi a ofaa saa okwammone yi so no, koo ahokyerɛ kɛse mu, enti okyerɛw bebisaa me ho mmoa. Anadwo a me-kenkan ne nhoma no ara, me-soo dae sɛ me-wo turo bi mu, na turo no wura de me faa n’akwan no so. Na meretetew nhwiren a ɛyɛ huam, na onuabea yi di me nkyɛn twee m’adwen koo nsoe bi a esiw no kwan ho. Na ogyina ho redi yaw ne awerɛhow. Na onni okwankyerɛfo no akyi wo okwan no so no, onam nsoe ne nnɛnkyɛnse mu. Odii awerɛhow teɛɛm’ se, “O so ɛnyɛ awerɛhow sɛ nsoe resɛe saa turo fɛfɛ yi”? Na okwankyerefo no kae sɛ, gyaw nsoe no, na ebepira wo. Wo de tetew nhwiren ahorow yi bi.”KN 98.2

    So hann bi mpuee w’asetram pɛn ? So wo-nyaa bere pa bi a wo koma de anigye tiee Onyame Honhom no ? Sɛ wohwehwɛ wasetra a atwam no mu a, so wunhu anigye nsɛm bi wɔ mu ? So Onyankopɔn bɔhyɛ no nte sɛ nhwiren no hua wɔ wo akwan nyinaa mu? So woremma wɔn fɛ ne wɔn hua mfa anigye nhyɛ wo koma ma?KN 99.1

    Nsɔe ne nnɛnkyɛnse no de opira na ebepira wo na ahyɛ wo awerɛhow; na sɛ wo-tetew eyinom de ma afoforo a, na wankasa mmu Onyame yiyeye no animtia, na wunsiw wɔn a atwa woho ahyia no kwan sɛ wɔbɛfa nkwa kwan so ana?KN 99.2

    Ennye sɛ yɛboaboa yɛn asetra mu awerɛhosɛm a atwam no ano ne emu amumɔyɛ ne ohuammɔ — na yedi ho nkɔmmɔ ne awerɛhow ma yenya abaw-pa. Esum hyɛ ɔkara a apa abaw no ma na ɛpam OnyankopDn hann no fi no mu, na ɛma esum duru afoforo kwan so.KN 99.3

    Momma yɛnna Onyankopɔn ase wɔ nneɛma pa a Ɔde ama yɛn no ho. Momma yɛmmoaboa Nedɔ bɔhyɛ no ano na yɛnnwennwen ho daadaa. Sɛnea Onyame Ba no gyaw N’agya ahennua no, faa onipa su kataa N’anyame su so, sɛnea ɛbɛyɛ na Watumi agye onipa afi Satan tumi ase; Ne nkonimdi a Odi maa yɛn buee ɔsoro maa nnipa, yii Ɔdomankama no anuonyam kyereɛ; yii Wɔn a wɔahwe ase no fii ɔsɛe bon mu, kaa yɛne Onyankopɔn boom, sɛnea yɛnam yɛn Gyefo no mu gyidi adi sɔhwɛ so nkonim, sɛnea wɔde Kristo trenee asi yɛn, na wɔapagya yɛn kɔ N’ahenni mu — eyinom ne nneɛma a Onyankɔpɔn pɛ sɛ yɛdwennwen ho.KN 99.4

    Sɛ ɛyɛ sɛ yɛregye Onyankopɔn dɔ ho akyinnye na yɛnnye Ne bɔhyɛ no nni a, yegu N’anim ase, na yɛhow Ne Honhom no werɛ. Sɛ mma bi nwiinwii hyɛ ɛna bi, sɛ ebia ɔmpɛ wɔn yiye. bere a ɔde n’asetra mu mmɔdemmɔ nyinaa pɛ wɔn yiyedi no a, ɔbɛte nka dɛn ? Sɛ wogye Ne dɔ ho akyinnye a ɛbɛyɛ Ne yaw. Sɛ mmofra yɛ agya ana ɛna bi sɛɛ a, ɔbɛpɛ ana? Sɛ yɛn nsɔ ammu ɔdɔ ko a ɛkaa yɛn soro Agya ma Oyii Ne dɔ Ba koro no mae ma yɛnya nkwa a, Ɔbɛdwen yɛn ho dɛn? Ɔsomafo no se, “Nea wankame N’ankasa Ne Ba na mmom yen nyinaa nti Oyii No mae no, ɛbɛyɛ dɛn na Ɔremfa ade nyinaa nso nka No ho mmedom yɛn?” Rom. 8 : 32. Na nso nnipa ahe na wɔmfa wɔn nneyɛe ana asɛm so nka se, “Sɛ Awurade ka eyi a Ɔnne me. Ebia Ɔdɔ ebinom de , nanso mede Ɔnno me.”KN 99.5

    Eyinom nyinaa haw wo kara; efisɛ akyinnye asɛm biara a wobɛka no de wo kɔ ɔbonsam sɔhwɛ mu: Ɛhyɛ wo den ma woye okyinnyegyefo, na eyi abɔfo asomfo no awerɛhow. Sɛ Satan sɔ wo hwɛ a, nnka akyinnye ana awerɛhowsɛm biara. Sɛ wo tie ɔbonsam apam a ɛmma wonnye Onyankopɔn nni na ɛde atuate nsemmisa hyɛ wo mu. Nsɛm a ɛhaw wo a woka no, akyinnye biaraa wugye no entia wo nko na mmom ɛtesɛ aba a efifi na ɛsow aba wɔ aforofo asetram, na hwee ntumi nsakra aba bone a wonam wo nsɛm so agu wɔ wɔn mu no. Wankasa de, wobetumi adan afi ɔbonsam sɔhwɛ ne ne mfiri no mu,na nso afoforo a wama wɔn tirim ayɛ wɔn keserenene no rentumi nnan wɔn adwene mfi akyinnye a wode ahyɛ wɔn no ho. Ohia bɛn ara na enhia sɛ yɛka nsem a ehye Honhom den na ɛma nkɔso!KN 100.1

    Ɔsoro abɔfo retie adanse ko a woredi wɔ wiase wɔ wo soro Agya ho. Ma wo nkɔmmɔdi nyinaa nsi nea ɔda wo ne Agya no ntam redi ama wo no so. Sɛ wofa adamfo a, ma Onyame ayɛyi mmera wo nkɔmmɔdi ne wo komam.’ Eyi bɛtwe n’adwen agyina Yesu so.KN 100.2

    Yɛn nyinaa wɔ sɔhwɛ ahorow, awerɛhow a yenntumi nsoa, nnaadaa a yenntumi nsiw ano kwan. Nnka wo haw nkyerɛ wo yɔnko-desani, na mmom fa ne nyinaa kɔ Nyame hɔ mpaebɔ mu. Sua sɛ worennkaasɛm biara a ɛbɛma obi apa abaw Wo-nam anidaso ne asomdwoe nsɛm so bɛma afoforo asetra ayɛ yiye de ahyɛ wɔn den wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho.KN 100.3

    Akokodurufo pii wɔ hɔ a sɔhwɛ ayɛ wɔn pasaa, a wɔreyɛ atotɔ piti wɔ ɔko a wɔne akɔnnɔ ne bɔne tumi reko no mu. Mma saa nnipa yi mmpa abaw wɔ wɔn aprepre dennen no mu. Fa akokoduru ne anidaso nsɛmpa hyɛ wɔn den. Saa na Kristo hann no fi wo mu bɛhyerɛn. “Yɛn mu biara nte ase mma neho.” Romanfo 14 : 7. Yɛn asetra no na ɛbɛhye ebinom den ama wɔanya nkɔso anasɛ nso ɛbɛma wɔapa abaw na wɔatwe wɔn ho aft Kristo ne Nokware no ho.KN 100.4

    Nnipa pii adwene a wɔdwen wɔ Kristo asetra ne Ne suban ho no yɛ mfomso koraa. Wodwen sɛ Ɔnnye hye na N’anim ntew, na afei Ɔyɛ den na Ɔyɛ Otirimodenfo na anigye nni No mu. Akwan pii mu no, nnipa de saa kusuuyɛ yi ahyɛ nyamesom mu ma.KN 101.1

    Wɔtaa ka sɛ Yesu sui, na nso ɔserew de wɔanhu sɛ Ɔserewe. Ampa, na yɛn Agyenkwa no yɛ Onipa a ohuu ayayade na Onim yare, efisɛ Obuee Ne komam gyee nnipa mmusu nyinaa. Na nso ewom sɛ Ɔpaa Ne ho aki na ɔyaw ne dadwen-ne-haw baa No so de, nanso Ne Honhom de ampɛtɛ. N’anim ankyerɛ awerɛhow ne mmɔborɔ-nim, na mmom asomdwoe nko. N’asetra yɛɛ nkwa asuti; ne Ɔhome ne asomdwoe, anigye ne ahomeka wɔ nea Ɔkɔe biara.KN 101.2

    Na yɛn Agyenkwa yere Ne ho anibere mu, na nso wammuna-muna. Wɔn a wosua No no bɛbɔ mmɔden yiye wɔ wɔn asetra mu; wɔbɛte ase yiye sɛ asodi da wɔn so. Wobegyae Nyame adwuma ho adwen hare; wobegyae ago-bɔne, ne fɛwdi bɔne; na Kristosom no ama wɔn asomdwoe a ɛtesɛ asubɔnten. Ennum anigye hann no; ensiw anigye pa ho kwan, na ɛmma yenni awerehow anim fɛfɛ a ɛrehyerɛn no. Kristo amma sɛ wɔnsom No, na Ɔbɛsome; na sɛ Ne dɔ no di hene wɔ yɛn komam’ a, yebedi N’anammɔn akyi. Sɛ yɛdi binom nneyɛe bɔne ne atrimɔden akyi pii a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛ-bɛdɔ wɔn sɛnea Kristo dɔɔ yɛn no; na nso sɛ yehu Kristo anwonwa dɔ ne Nayamye a Ɔde ama yɛn no a, yɛn nso bɛyɛ saara ama afoforo. Yehu yɛnhoyɛnho mfomso ne nneyɛe bɔne de, nanso ɛsɛsɛ yɛdoɔ.i yɛn ho, na yebu yɛnho-yɛnho. Ɛnsɛsɛ yebu yɛn ho moma yɛn ho so, na mmom ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ ne timmɔbɔ wɔ binom mfomso ho. Eyi bekum pɛsɛmenkominya nyinaa, na yɛanya ahummɔbɔ ne ɔdɔ koma.KN 101.3

    Odwomtofo no se, “Bata Yehowa ho na yɛ papa, tra asase so na di nokware.” Dw. 37 : 3. “Bata Yehowa ho.” Da biara wɔ ne nnesoa, ne dadwen-mu-haw, ne ahoyeraw; na sɛ yehyia a, yɛ-taa bobɔ abubuw wɔ yɛn sɔhwɛ ne amanehunu ho dodo. Saayɛ no de awerɛhow pii ba, ɛma ehu pii ka yɛn, ma ɛhyɛ yɛn so a enti ɛma obi dwen sɛ yenni Agyenkwa a Ɔyɛ timmɔbɔ ne Ɔeɔ, a wasiesie ne ho retie yen adesrɛ nyinaa ɔyɛ yɛn ahohia mu boafo pa a wɔanya No nhui.KN 102.1

    Ebinom wɔ hɔ a wɔtwetwe ɔhaw ba wɔn so bere biara mu. Dabiara Onyankopɔn dɔ no ho nsɛnkyerɛne twa wɔn ho hyia; dabiara wɔgye wɔn ani wɔ Ne dom nneɛma ho; na nso wobu wɔn ani gu nhyira a atwa wɔn ho ahyia no so. Daa wɔde wɔn adwene si nneɛma a ennye a wosuro sɛ ɛbɛba wɔn so no so; anasɛ ebia ɔhaw bi wɔ hɔ de, nanso etumi fura wɔn ani fi nneɛma a ɛsesɛ wɔda so ase no ho. Ɔhaw a ɛto wɔn no sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛtwe wɔn kɔ Onyankopɔn a Ne nko ne wɔn Boafo pa no ho no, mmom twe wɔn fi Ne ho, efisɛ wɔma ateetee ne anwiinwii ho kwan.KN 102.2

    Sɛ yɛnnye nni sɛɛ a na yɛyɛ papa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔnniayɛfo ne akyinnyegyefo ? Yesu yɛ yɛn adamfo; ɔsorofo nyinaa ani gye yɛn yiyedi ho. Ɛnsɛ sɛ yɛ-ma yɛn dadwen ne-haw horan yɛn adwene na ɛma yemuna. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya biribi a ɛbɛhaw yɛn na ahyɛ yɛn abufuw dabiara. Ɛnsɛ sɛ yɛdwennwen nneɛma a ɛma yɛhoran na yɛfɔn, na-nso entumi mmoa yɛn ma yenni yɛn sɔhwɛ so nkonim no ho.KN 102.3

    Ebia wo ho bɛyeraw wo wo dwumadi mu; ebia w’anidaso bɛyera, ebia wobesuro se wobɛhwere biribi; na-nso mma wo bo nntu; fa wo dadwen-ne-haw to Onyankopɔn so, na yɛ komm anigye mu. BƆ mpae srɛ nyansa pa a wode bebu bara pa a ebesiw adehwere ne amanehunu kwan. Yɛ nea wo-betumi nyinaa a ɛbɛma woadi yiye. Yesu ahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛboa yɛn de, nanso ɛnkwati yɛn ankasa mmɔdemmɔ. Bere a yɛde yɛn ho ato yɛn Boafo no so ayɛ nea yebetumi nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛpene nea ɛbɛba biara so.KN 102.4

    Ɛnyɛ Onyame pɛ sɛ dadwen-ne-haw bɛhyɛ Ne nkurɔfo so. Yɛn, Awurade nnaadaa yɛn. Ɔnnka nkyerɛ yɛn sɛ, “Mo nsuro; ehu biara nni mo akwan so.” Onim sɛ ɔhaw ne sɔhwɛ wɔ hɔ, na Ɔne yɛn di no nokware so. Ɛnyɛ N’adwene sɛ Obeyi Ne nkuɔfo afi bɔne ne mmusu wiase mu nko, na mmom Ɔtwe wɔn kɔ guandɔbea bi a ɛmpa da ho. Ne mpae a Ɔbɔ maa N’asuafo no ne sɛ, “Mimmisa sɛ: yi wɔn fi wiase, na sɛ yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie.” Ɔka se, “Mo ho behia mo ewiase de; nanso momma mo bo no mtɔ yam: Me na madi wiase so nkonim.” Yohane 17:15; 16:33.KN 103.1

    Ne bepɔ so asɛnka no mu no, Kristo kyerɛkyerɛɛ N’asuafo no adesua a ɛsom bo, sɛnea ɛfa hia a ehia sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so. Wɔde saa adesua yi, mae sɛ ɛnhyv Onyame mma den mmere nyinaa mu, na ɛyɛ kyerɛkyerɛ ne awerɛkyekye ma yɛn nnɛda yi nso. Agyenkwa no twee N’akyidifo no adwene gyinaa wim nnomaa a wɔreto wɔn ayɛyi dwom a hwee nnhaw wɔn, no so se, “wonnu na wontwa,” nanso wɔn soro Agya yɛn wɔn. Agyenkwa no bisa se, “na monsen wɔn pii ana?” Mat. 6:26. Nea ɔde ade nyinaa ma nnipa ne mmoa no bue Ne nsam ma N’abɔde nyinaa nya nea ehia wɔn. Wim nnomaa mpo, ne werɛ mfi wɔn. Ɔmmfa aduan no nhyehyɛ wɔn anom, na mmom wasiesie wɔ hɔ ama wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa hwehwɛ wɔn nnuaba a wodi. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nwene wɔn mmerebuw. Ɛsɛ sɛ wɔ-yɛn wɔn mma. Wɔde nnwonto kɔ wɔn nnwuma ho, efisɛ “mo soro Agya yɛn wɔn.” Na “monsen wɔn pii ana?” So mo a anka mo wɔ nyansa de bɛsom no honhom mu no nsen wim nnomaa pii ana? So yɛn Yɛfo a ɔhwɛ yɛn nkwa so, Ɔno a onwenee yɛn N’ankasa ne suban so no, yɛde yɛn ho to No so a, ɔremmfa yɛn ahiade mma yen ana?KN 103.2

    Kristo twee N’asuafo no adwene gyinaa wuram’ nhwiren a enyin frɔmfrɔm na ɛhyerɛn wɔn ahoɔfɛ a ɔsoro Agya de ama wɔn no so de kyerɛ Ne dɔ a ɔdɔ nnipa no so. Ɔkae sɛ, “Monhwɛ wuram sukooko nsua, sɛnea enyin.” Sɛnea nhwiren yi fɛ te ne sɛnea wɔn bɔ su te no kyɛn Salomo anuonyam po. Ahokekade biara a onipa de ne nyansa ayɛ no, ntumi nnu nhwiren a Onyame ama no ahoɔfɛ no. Yesu bisa sɛ, “Sɛ Onyankopɔn ma wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntama saa a, mo a mo gyidi sua, ɔrenyɛ nsen yi pii mma mo?” Mat. 6:28, 30. Se Onyame a ɔyɛ Ɔdomankama ma nhwiren a ɛsɛe dakoro ahoɔfɛ a ɛte sɛɛ a, mpɛn ahe ara na ɔrenhwɛ nnipa a Ɔbɔɔ wɔn Ne suban so? Kristo kyerɛkyerɛ yi yɛ animka ma adwen-hunu-fo, ahoyerawfo, akyinnyegyefo ne koma a gyidi nnim’.KN 103.3

    Awurade pɛ sɛ Ne mmabarima ne mmabea yɛ ahotɔfo, asomdwoefo ne osetiefo. Yesu se, “M’asomdwoe na Me-de mema mo: ɛnyɛ sɛnea wiase ma na Mema mo. Momma mo koma nntutu nanso momma emmperɛ mo.” “Maka eyinom makyere mo, na m’anigye atra mo mu na mo anigye awie pɛ-yɛ.” Yoh. 14:27; 15:11.KN 104.1

    Ahotɔ a yɛnam pɛsɛmenkominya so hwehwɛ a ɛnnam ɔkwan pa so no mmfra koraa, ɛmmfata na ɛnnkyɛ; etwam kɔ gyaw ɔkara no nko awerɛhow mu; na-nso ahotɔ ne abodwo wɔ Nyame som mu; Onyame nnyaw Okristoni mma ne nko nantew ɔkwan a onnim so so; Onnyaw no awerɛhow-hunu ne huamrrɔ mu. Sɛ yɛanya wiase yi mu anigyede po a, ɛsɛ sɛ yɛn anigye hwɛ asetra a ɛreba no kwan.KN 104.2

    Ɛha mpo ɛsɛ sɛ Kristofo nya anigye wɔ nkɔmmɔ a wɔne Kristo di no mu; ɛsɛ sɛ wonya Ne dɔ hann no, ne Na’nim a ɛma daa awerekyekye no. Ɛsɛ sɛ asetra mu nneyee biara twe yɛn bɛn Yesu ho, na ɛma yɛn Ne dɔ no ho ntease pa, na ɛtwe yɛn bɛn Ɔsoro asomdwoe ofi no ho. Ɛnde mo-mma yɛnnyera yen anidaso, na mmom yɛma ɛmu nyɛ den nkyɛn sɛnea ɛte dedaw no. ” Ɛha na Yehowa aboa yen abesi!” (l Sam. 7:12), na ɔbɛboa yɛn akosi ase. Momma yɛnnhwɛ nkae-dum a ɛkaakae yɛn nea Onyame ayɛ de akyekye yɛn werɛ, na Ɔnam so de agye yɛn afi ɔsɛefo no nsam. Momma yɛnkae timnɔbɔ a Onyame ayɛ ama yɛn no nyinaa, nusu a Wapopa no, Ɔyaw a wadwudwo ano, daakye ho suro a Wayi no hɔ, ehu a Wayi no hɔ, ahiade a yɛn nsa aka, nhyira a Wahwie ama yɛn — de hyɛ yɛn den wɔ nea ɛda yɛn anim wɔ yɛn akwantu a aka no mu.KN 104.3

    Ɛyɛ dɛn ara a, gye sɛ yɛ-hwɛ abɛbrɛsɛ a ɛdeda yɛn anim, nanso ɛsɛsɛ yɛdwen nea atwam’ ne nea ɛbɛba ho, ka se, “eha na Yehowa aboa yɛn abesi.” “Sɛ wo nna te no, saa na wo ahotɔ nyɛ!” 5 Mose 33:25. Sɔhwɛ no rentra nea yebetumi so. Ɛnde baabiara nea adwuma bɛto yɛn no, momma yɛnyɛ, na yɛnnye nni sɛ nea ɛbɛyɛ biara, Ɔbɛma yɛn ho • ahoɔden.KN 105.1

    Na akyiri yi wobebue soro apon no ama Onyame mma, na wɔbɛte nhyira nsɛm a ɛte sɛ sanku nnwom afi anuonyamhene no anom se: “Mo a M’agya ahyira mo, mo mmera mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!” Mat. 25:34.KN 105.2

    Na wɔbɛyɛ wɔn a wɔagye wɔn no atuu akɔ ofi a Yesu resiesie ama wɔn no mu. Ɛhɔ de wɔn nnamfonom rennyɛ amumɔyɛfo, atorofo, abosonsomfo, afideyɛfo, ne akyinnyegyefo; na mmom wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn a wɔadi Satan so nkonim no ho, na wɔnam Onyame dom so anya suban a edi mu. Nneyeɛ bɔne biara, nea enni mu biara a ɛhaw yɛn wɔ ha nyinaa no, wɔde Kristo mogya apopa, na ɔde Na’nuonyam kɛse a ɛhyerɛn sen owia no ma wɔn. Na Kristo abrabɔ-pa ne Ne suban a edi mu a ɛkyɛn honam ani ahoɔfɛ yi no nam wɔn so hyerɛn. Wonni mfomso biara wɔ ahennua kɛse fitaa no anim, na wɔne ɔsoro abɔfo yɛ pɛ wɔ dibea ne yiyedi mu.KN 105.3

    Sɛ ɔhwɛ anuonyam a ɛbɛyɛ ne de no a, “Dɛn na onipa bɛma de asen ne kara?” Mat. 16:26. Ebia ɔyɛ ohiani, na-nso ɔwɔ ahonyade ne dibea a ɛboro nea wiase betumi ama so. Ɔkara a wɔagye no na wɔatew ne ho afi tone mu, na ɔwɔ anuonyam tumi a ɔde yɛ Nyame adwuma no som bo mmoroso; na anigye ba ɔsoro Onyankopɔn ne abɔfo kronkron anim ɔdebɔneyɛfo biako a wɔagye no no ho, anigye a woyi no adi wɔ anuonyam nkonimdi nnwom no mu.KN 105.4

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents