Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 12—Dɛn na wo ne akyinnyegye wɔ yɛ

    Bebree, ne titiriw no, wɔn a wonyin wɔ Kristofo asetram no, fɛwdifo-nsɛm taa haw wɔn adwen yiye. Nneɛma pii wɔ Kyerɛw Kronkron mu a wontumi nnkyerem’, anasɛ wɔnnte ase, na ɔbonsam nam eyinom so hinhim wɔn gyidi wɔ kyerɛwsɛm a ɛyɛ Onyame adiyi no mu. Wobisa se: “Mɛyɛ dɛn ahu nokware kwan no? So Kyerɛw Kronkron yɛ Onyame Asɛm ampa a, mɛyɛ dɛn mafi akyinnyegye ne ahoyeraw yi mu?”KN 89.1

    Onyame mmisa yɛn sɛ yennye adansedi a yɛn gyidi nnsoo mu no nni. Ne wɔ a Ɔwɔ hɔ, Ne suban, N’asɛm no nokwareyɛ, nam adansedi so twe yɛn adwene; na saa adansedi yi dɔɔsɔ. Nanso Onyame nyii akyinnyegye no hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛn gyidi gyina adansedi so, na ɛnyɛ nea yɛahu so. Wɔn a wɔpɛ sɛ wogye akyinnye no benya mu kwan; na wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nokware no, benya adansedi pii a wɔde wɔn gyidi besi so.KN 89.2

    Ɛyɛ den ma adwen-harefo sɛ wobehu Onyame suban anasɛ Ne nnwuma yiye. Ɔdwennwenfo a ɔyɛ nwomanimfo kɛse po, Ɔkronkronni no so ahinta no koraa. ‘’So wobehu Nyankopɔn mrrɔremu-su anasɛ wobehu akodu Otumfoɔ pɛyɛ mu? Ɛkoron sɛ ɔsoro, dɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ asaman, dɛn na wunim?” Hiob 11 : 7, 8.KN 89.3

    Ɔsomafo Paulo teɛm se: “O Nyame ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu N’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu N’akwan akyi hwehwɛ nwie da! Romafo 11:33. Ɛwom sɛ “suwisie ne sum atwa No ho ahyia, trenee ne atemmu ne N’ahengua nnyinaso.” Dwom 97 : 2. Nanso yɛ-nam Ne nneyɛe a Ɔne yɛn yɛ so, ne sɛnea Ɔnam so yɛ so, hu ɔdɔ ne mmɔboro hunu a enni kabea a ɛwɔ Ne Nyame tumi no mu. Yetumi te Ne tirimbɔ a ewie ma yɛn yiye no ase; na eyinom akyi no momma yɛmfa yɛn ho nto Otumfoɔ a ɔdɔ ahyɛ Ne koma ma no so.KN 90.1

    Na Onyankopɔn Asɛm a Ne suban te sɛ Onyame ankasa no, yi ahintasɛm a adesa ntumi nte ase no kyerɛ. Ɔkwan a bɔne nam so baa wiase yi mu, Kristo a ɔbɛyɛɛ ɔhonam, abɔde foforo, owu-sɔre, ne nneɛma pii a eyi adi wɔ Kyerɛw Kronkron mu no, ye ahintasɛm a emu dɔ a onipa nyansa ntumi nkyerɛ mu, anasɛ entumi nte ase. Nanso sɛ yɛnte Onyame Asɛm ase a ɛnkyerɛ sɛ yennye ho akyinnye. Yɛtaa hyia ahintasɛm a yentumi nte ase ɔhonam wiase yi mu. Asetra yi mu nneɛma nkete-nkete po ma anyansafo mu titiriw dan hunu. Anwonwade a ɛboro yɛn adwene so wɔ baabiara. Saa ara nso na honhom-fam no, ahintasɛm wɔ hɔ a yentumi nte ase. Efisɛ onipa adwene yɛ mmerɛw na emu nnɔ ntia. Onyame ama yɛn Ne suban ho adansedi bebree wɔ Kyerɛw-sɛm yi mu, enti ɛnsɛ sɛ yegye N’asɛm ho akyinnye sɛ yɛnte Ne dom ahintasɛm no nyinaa ase po a.KN 90.2

    Ɔsomafo Petro se; “Nsɛm a ase yɛ ohu-na wo, na won a wonsuaa ade na won ase ntimi toto no . . . ma won ankasa sɛe no,” wo Kyerɛw-sɛm mu. 2 Pet. 3 : 16. Fɛwdifo nam Kyerɛw sɛm mu nsɛm a ase yɛ ohu-na no so kyerɛ sɛ wo-ne Kyerɛw Kronkron no bedi asi. Na wonam eyi so di adanse sɛ Kyerɛw no fi Nyame home mu. Sɛ anka Onyame ho nsɛm nnim, na nneɛma a ase te yɛ mmerɛw nko na ɛwom a; sɛ Ne kɛseyɛ ne Ne tumi ɔdesani hwehwɛ wie a, anka wɔremfrɛ no Kyerɛw Kronkron. Anwonwade ne ahintasɛm a ɛwɔ mu nti ɛma yegye di sɛ ɛyɛ Nyankopɔn Asɛm.KN 90.3

    Kyerɛw Kronkron no yi nokware no adi kronnyɛ mu ne mfatoho a edi mu a koma no hia na ne kɔn dɔ, a ama nhomanimfo akɛse ho adwiri wɔn ayɛ wɔn titiritii, na ama nnipa teta ne ntetekwaafo ahu nkwagye kwan no. Na-nso saa nokware yi yi nneɛma a ɛkron, a sɛ yɛpere ansa na yɛadu ho, na ɛboro onipa nyansa so, na ɛsɛ sɛ yɛ-pene so efisɛ Onyame na aka ayi no adi. Ogye nhyehyɛe no a ayi adi pefee ama yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔkara biara ahu ɔkwan ko a ɛsɛ sɛ ɔfa so nya Onyame ho adwensakra, ne yɛn Awurade Yesu Kristo mu gyidi, na wɔnam so agye yɛn nkwa; nanso nokware yi a ase nyɛ te na no mu na ahintasɛm a ɛyɛ Onyame anuonyam no ahinta — ahintasɛm a adwene renhu mu pɛɛpɛɛ, nanso ɛde nidi ne gyidi ma nea ɔde ne koma nyinaa hwehwɛ saa nokware yi akyi lewan no. Mpɛn dodow a obi hwehwɛ Kyerɛw Kronkron mu no mpɛn dodow no ara na n’adwene kyerɛ no sɛ ɛyɛ Onyame teasefo Asɛm, na n’honim berɛ neho ase wɔ Otumfoɔ kɛse no adiyisɛm no anim.KN 91.1

    Sɛ yehu sɛ yentumi nte Kyerɛw Kronkron mu nokware akɛse yi ase yiye a, na yehu no yiye sɛ ɔhonam adwene ntumi nsɔ nea ɛyɛ Onyame ade mu; na onipa ne ne nyansa nyinaa ntumi nte Onyame tirim-bɔ no ase.KN 91.2

    Esiane sɛ ahintasɛm nyinaa mu yɛ ohu-na nti, ɛma fewdifo ne wɔn a wonnye nni no po Onyame Asɛm no; mpo ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wogye Kyerɛw Kronkron di no nyinaa na wonni saa mmusu yi mu. Ɔsomafo no se: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyame teasefo ho.” Hebrifo 3 : 12. Eye sɛ yesua Kyerɛw Kronkron mu nkyerɛkyerɛ no, na yɛhwehwɛ “Onyankopɔn ade a emu dɔ no mu nso,” sɛnea ayi adi wɔ Kyerɛw-sɛm mu no. 1 Kor. 2 : 10. “Nneɛma a ahinta yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea.” 5 Mose 29 : 29 (Twi 28). Na ɛyɛ Ɔbonsam adwuma sɛ ɔbɛma yɛn adwene ayɛ yɛn basabasa. Nnipa binom ma ahantan ne Kyerɛw Kronkron mu nokware no di afra, na sɛ wontumi nkyerɛ Kyerɛwsɛm no bi ase sɛnea won ankasa pɛ a, wonto won bo ase nti wodi nkogu. Ɛyɛ won aniwu sɛ wobɛka sɛ saa nsɛm no wonte ase yiye. Wɔnto wɔn bo ase ntwɛn Onyame mma onnyi nokware no adi nnkyerɛ wɔn. Wosusu sɛ nnipa nyansa a Onyame mmoa nnim no betumi ate Kyerɛwsɛm no ase, na se wontumi a na afei wonnye nni. Ɛyɛ nokware sɛ nnipa nhyehyɛe ne nkyerɛkyerɛ pii wɔ hɔ a wɔka sɛ efi Kyerɛw Kronkron mu nanso enni nnyinasɔ biara wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu, na ɛne Onyame de no bɔ abira. Eyinom na ama bebree tirim ayɛ won keserenene na ɛma wɔn ho yeraw wɔn. Ɛnyɛ Onyame Asɛm no mfomso, na mmom ɛyɛ onipa a wakyea no no mfomso.KN 91.3

    Se Onyame ne Ne nnwuma ase nnyɛ ohu-na, na sɛ nnipa rete ase awie a, anka nokware foforo rennyi adi, anka nimdeɛ rennyin, anka adwene anasɛ koma nso rennyin, Anka Onyame renyɛ Opumpuni; anka onipa nya du nimdeɛ ne adenim yi ho a, anka ɔrenkɔ kan bio. Momma yɛnna Onyankopɔn ase sɛ ɛnte saa. Onyame yɛ Otumfoɔ: “Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa akora.” Kol. 2:3. Na daa nkwa no mu no nnipa bɛhwehwɛ Onyame nyansa, Ne papayɛ ne Ne tumi ade-mude no akyi kwan asua daa a emu dɛw nntu da.KN 92.1

    Onyame pɛ sɛ Ne nokwasɛm no yi adi ma Ne nkurofo asetra yi mu. Ɔkwan biako pɛ so na yɛfa nya nimdeɛ no. Yɛnam Honhom a wɔnam so de Asɛm no mae no so na yebenya Onyame Asɛm mu ntease. “Obi nnim Nyankopɔn de, sɛ Onyankopɔn Honhom;” “Na Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn ade a emu dɔ no mu nso.” 1 Kor. 2 : 11, 10. Na Agyenkwa no bohyɛ a Ɔde maa N’akyidifo no ne sɛ: “Na sɛ Ɔno, nokware Honhom no nya ba a, Ɔbɛkyerɛ mo nokware nyinaa mu kwan . . .efisɛ Ɔbɛfa Me de bi na Ɔde abɛkyerɛ mo.” Yohane 16 : 13, 14.KN 92.2

    Onyame hwehwɛ sɛ onipa yɛ nsi wɔ n’adwennwen mu; adesua biara remma onipa nya nkɔso kyɛn nea Kyerɛw Kronkron sua no bɛma adwene no anyin anya nkɔso no. Nanso momma yɛnhwɛ yiye na yɛamma adwene no annan nyame, adwene a ɛma ɔdesani yɛ mmerɛw ne ahoɔmmerɛ no. Sɛ yɛmpɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no mu yɛ den ma yɛn na emu nokware pefee no hinta yɛn a, ɛsɛ sɛ yenya gyidi a ɛte sɛ abofra ketewaa a ɔrepɛ biribi asua na ɔrehwehwɛ Honhom Kronkron hɔ mmoa no bi. Onyame tumi ne nyansa a ɛkrɔn, a enti yentumi nte Ne kɛseyɛ no ase no, ɛsɛ sɛ ɛde ahoberɛase ma yɛn, na yɛahwehwɛ. N’asɛm no mu, sɛnea yɛ-de suro kɔ N’anim no. Sɛ yɛba Kyerɛw Kronkron ho a, ɛsɛ adwene no sɛ ohu sɛ tumi bi wɔ hɔ a ɛkrɔn sɛn no, na ɛsɛ koma ne adwene no sɛ ɛkoto “Mene” a ɔyɛ Opumpuni no.KN 92.3

    Nneɛma pii wɔ hɔ a ase yɛ ohu-na a Onyame bɛma ayi adi a ɔberɛ nnim ama wɔn a wɔhwehwɛ emu ntease no. Nanso sɛ yɛkwati Honhom Kronkron mmoa a, ɛn’de yɛbɛfom Kyerɛwnsɛm no daa. Kyerɛw Kronkron sua bi wɔ hɔ a mfaso nnim, na mmom ɛsɛe onipa. Sɛ yɛmfa osuro ne mpaebɔ mmue Kyerɛwsɛm no; sɛ yɛn nsusui ne adwennwen nnsi Onyame so, anasɛ ɛne Ne pɛ no anyɛ biako a, ɛma yɛn tirim yɛ yɛn keserenene, na Kyerɛw Kronkron sua no, hyɛ fɛwdisem den. Ɔtamfo no hyɛ adwene no so, de nkyerɛase a ennye ma no. Sɛ nnipa mpɛ sɛ wɔne Nyame yɛ koro wɔ asɛm ne nneyɛe mu a, ɛnde sɛ wɔn ade-nim te sɛ dɛn ara po a, wɔtoto Kyerɛw-sɛm no, na ennye sɛ yɛ-de yɛnho to wɔn nkyerɛkyerɛ so. Wɔn a wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu sɛ wɔpɛ mfomso no, nni honhom mu aniwa. Wɔnam ani-so-ade-hu a ɛnyɛ nokware so bennya nnyinaso ahorow pii a wɔnam so begye nneɛma a ayi adi na emu da hɔ pefee no ho akyinnye.KN 93.1

    Sɛ wɔkata so sɛ dɛn ara a, ɛda hɔ pefee sɛ ɛyɛ ɔdɔ a wɔdɔ bɔne no na ɛmma wonnye nni na mmom wodi fɛw no. Ahantanfo ne koma a ɛdɔ bɔne nnye Onyame Asɛm no nkyerɛkyerɛ ne n’akwanside no nni, na wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ asoɔmmerɛ ma n’abisa — de no gye Ne tumidi ho akyinnye. Ansa na yebedu nokware no ho no, gyesɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛpɛ nokware no ahu, ne koma a ɛpɛ sɛ ɛbɛyɛ osetie. Na wɔn a wɔnam saa honhom yi so sua Kyerɛw Kronkron no, behu adansedi pii a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, ama wɔanya ne nokware a ɛbɛma wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu no ntease.KN 93.2

    Kristo aka sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ N’apɛde a, ɔbehu kyerɛ no.” Yoh. 7:17. Ɛsɛ sɛ woyɛ aso ma hann a ayi adi wɔ wo so no, de hyɛ asɛmmisa ne mfomso a wohwehwɛ wɔ nea wonte ase no ananmu, na wobennya hann no mmoro so. Kristo dom nti, di dwuma biara a ayi adi pefee ama woate ase, na ɛbɛboa wo ma wate na wayɛ nea afei ɛyɛ wo tirim keserenene no ase yiye.KN 94.1

    Adansedi bi ayi adi ama nnipa nyinaa — nhoma nimfo akɛse ne ntetekwaafo a wonnim hwee — osuahu ho adansedi. Onyame se yɛnka N’asɛm a ɛyɛ ampa ne Ne bɔhyɛ a ɛyɛ nokware no nhwɛ. Ose: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye.” Dwom 34:8 (Twi 9.) Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa ka hwɛ sen sɛ yɛ-de yɛnho bɛto obi asɛm so. Ɔpaem ka se: “Monserɛ, na mobenya.” Yoh. 16:24. Ne bɔhyɛ bɛbam. Emu biara ntɔɔ fam pɛn ɛ; na emu biara rentɔ fam nso. Sɛ yɛbɛn Yesu, na yɛn ani gye Ne dɔ mayɛ no mu a, yɛn tirim keserenee ne esum no bɛ-pa wɔ N’anim hann no mu.KN 94.2

    Ɔsomafo Paulo ka sɛ: Onyame “ayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba Ne Dɔba ahenni mu.” Kol. 1:13. Na onipa biara a wafi wu mu kɔ nkwa mu no agye n’adanse no “asɔ ano sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.” Yoh. 3 : 33. Otumi di adanse se: “Ehiaa me mmoa, na mi-nyaa bi wɔ Yesu mu. Minyaa nea ehia me nyinaa na me kara a ɔkɔm dee no no mee; na afei Kyerɛw Kronkron yɛ me Yesu Kristo adiyi. So wo-bisa nea enti a me-gye Yesu di no ana? — Efise Ɔyɛ me honhom mu Agyenkwa. Dɛn nti na me-gye Kyerɛw Kronkron di? Efisɛ m’ahu sɛ ɛyɛ Onyame nne a ɛkasa kyerɛ me kara.” Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa di adanse sɛ Kyerɛw Kronkron yɛ nokware, sɛ Kristo yɛ Onyame Ba. Yenim sɛ ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi.KN 94.3

    Petro tu ne nuanom fo se: “Munnyin yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.” 2 Pet. 3:18. Se Onyame nkurɔfo nyin dom mu a, wobenya N’asɛm mu ntease daadaa. Hann foforo a ɛyɛ fɛ beyi adi wɔ nokware kronn no mu akyerɛ wɔn. Ayɛ saa wɔ asafo no abakɔsɛm mu fi tete, na ɛbɛtoa so akosi awiei. “Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” Mmeb. 4 : 18.KN 94.4

    Gyidi na ɛsɛ sɛ yɛde hwɛ daakye asetra na yɛsɔ Onyame nsoano a ɛma adwene no nyin mu, na onipa ahoɔden abata Onyame de ho, ma ɔkara no ahoɔden atwiw abɛn hann Ti no ho. ƐSɛ. sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ nea ayɛ yɛn tirim keserenene no beyi adi pefee wɔ Onyame dom mu saa bere no; nsɛm a ase yɛ ohu-na seesei yi no benya nkyerɛase; na nea adwene a ase ntumi nhu no sɛ atoto na ayɛ basabasa no, yebehu sɛ ɛyɛ nkabom a ɛyɛ pɛ na ɛyɛ fɛ. “Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hwɛ ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mu sɛnea wɔahu me nso mu.” 1 Kor. 13 : 12.KN 95.1

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents