Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 10—Onyankopɔn ho nimdeɛ

    Akwan a Onyame hwehwɛ sɛ ɔfa so yi Ne ho adi kyerɛ yɛn na Ɔne yɛn kasa no dɔɔso. Abɔde guso kasa kyerɛ yɛn daadaa. Koma a emu abue no bɛte Onyankopɔn dɔ ne N’anuo nyam no nka wɔ Ne nsa ano nnwuma mu. Aso a ebetie no nam abɔde so bɛte kasa a ɔkasa kyerɛ yɛn no ase. Nhaban mono, nnua atenten atenten, nhwiren a afefɛ ne nea apae, suwisiw a ɛsen, osu a ɛto, nsuwa a ɛworow, wim anuonyanne, ka yɛn koma, na ɛtwe yɛn kɔ nea Ɔyɛɛ eyinom nyinaa no nkyɛn.KN 71.1

    Yɛn Gyefo no nam abɔde so kyerɛ-kyerɛe, Nnua, nnomaa, nhwiren a ɛwɔ abon mu, mmepɔw, atare ne ɔsoro fɛfɛ yi, ɛne asetra mu nsɛm nyinaa ho nsɛm baa nokware nsɛm a Ɔkae no mu. Na sɛ kansɛ yɛ-wɔ dadwen ne haw mpo a yebetumi ahwɛ eyinom de akae Ne nkyerɛ-kyerɛ no.KN 71.2

    Onyame pɛsɛ Ne mma ani sɔ Ne nnwuma, na wɔn ani gye afɛfɛde a Ɔde ahyehyɛ yɛn asase yi so no ho. Ɔpɛ nea ɛyɛ fɛ, na nea ɛkyɛn ne nyinaa no opɛ suban ɔpa. Ɔpɛsɛ yenya kronnyɛ sɛnea nhwiren anuonyam te no.KN 71.3

    Sɛ yebetie nkutoo dea, anka Onyankopɔn abɔde nnwuma no bɛkyerɛ yɛn osetie ne ahotoso adesua a ɛsom bo no. Efi nsoroma mmeresanten nyinaa ɛfa nea wɔahyehyɛ ama wɔn sɛ wɔmfa no so debesi ade ketewaa biara so no, abɔde mu nneɛma di Ɔbɔɔade no apɛde so. Na Onyame hwɛ biribiara a wayɛ so na Ɔyɛn biribiara a wabɔ nso. Nea ɔma wiase horow a wonntumi nkan no gyinagyina wim no, Ɔno ara na Ɔhwɛ nea ehia akasanoma ketewaa a ɔto ne dwom a onnsuro. Sɛ nnipa fi adi kɔyɛ wɔn nnwuma, sɛ wɔbɔ mpae; sɛ wɔda anadwo, sɛ wɔsɔre anɔpa; sɛ osikani didi wɔ ne fi kɛse mu, anasɛ ohiani boaboa ne mma ano wɔ ne sese mu a, ɔsoro Agya no hwɛ wɔn mu biara; aniwam nnusu biara nni hɔ a Onyame nhu. Ɔsrɛw biara nni hɔ a Onnhu.KN 71.4

    Sɛ yɛte eyi ase pefee a, anka ayamhyehye hunu nyinaa befi yɛn so. Anka ohuamnrɔ ahorow remma yɛn asetram sɛnea ɛte nnɛ yi; efisɛ anka yɛde biribiara, kɛse o, ketewa o, bɛhyɛ Onyame a dadwen-ne-haw dodow anhaw No na emu duru ntumi nhyɛ No so no nsa. Afei anka ɛsɛ sɛ yenya ɔhome ma yɛn kara, ɔhome a nnipa pii ayɛ ho ananafo no.KN 72.1

    Sɛ worenya anigye wɔ wiase yi mu akɔnnɔ de ho a, dwen asase foforo a ɛreba a erennu bɔne ne owu nkekae biara no ho; baabi a duabɔ nni abɔde biara mu no. Ma w’adwennwen nyinaa ahotewfo fi no so, na kae sɛ ɛbɛyɛ anuonyam kɛse asen sɛnea wobetumi adwen Yɛnam Onyankopɔn akyɛde a Ɔde ama yɛn wɔ abɔde mu no so hu N’anuonyam no mu fa ketewaa bi. Wɔakyerɛw sɛ, “Nea aniwa nhui na aso ntee, na ɛmmaa onipa koma mu da, (ne) nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ No.” 1 Kor. 2 : 9.KN 72.2

    Nea ɔkyerɛw abɔde ho nsɛm dɛdɛ ne nea osua abɔde ho nsɛm nwonwa nya nsem pii ka wɔ abɔde ho, nanso ɛyɛ Okristoni na onya wiase yi fɛ a ɛyɛ ho anigye kɛse, efisɛ ohu sɛ ɛyɛ n’ Agya nsa no nnwuma, na ohu Ne dɔ no wɔ nhwiren ne wura nɔ dua mu. Obiara nni hɔ a obetumi anya anigye wɔ koko ne ɔbon, asubɔnten ne ɛpo ho, gyesɛ ohu sɛ ɛkyerɛ Onyame dɔ a Ddɔ onipa.KN 72.3

    Onyankopɔn nam Ne nhyehyɛe nnwuma no, ne Ne Hon- hom tumi a ɛwɔ koma mu no so kasa kyerɛ yɛn. Sɛ yebue yɛn koma mu a, yebetumi asua adesua a ɛsom bo afi nneɛma a ɛkɔso wɔ yɛn asetram ne nsakrae a dabiara ɛba na atwa yɛn ho ahyia no mu. Bere a Odwontofo no redwen Onyame adɔe ho no, ɔkae sɛ. “Yehowa adɔe ahyɛ asase so ma.” Dwom 33:5. “Obiara a ɔyɛ onyansafo no, ma ommu yinom, na ma onnya Yehowa adɔe mu ahuye.” Dwom 107 : 43.KN 72.4

    Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn wɔ N’asɛm mu. Emu na Oyi Ne suban adi, na Oyi sɛnea Ɔne nnipa asetram nsɛm te, ne ogye adwuma kɛse no adi pefee. Emu na abakɔsɛm a ɛfa yɛn tete agyanom ne adiyifo ne Onyame tete ahotefo binom ho da adi pefee. Na wɔyɛ nnipa a wohu ‘’ ade a yehu ara.” Yakobo 5 : 17. Yehu sɛnea wɔpre faa abasamtude ahorow a ɛtete sɛ yɛn ankasa de mu, sɛnea wɔkɔɔ sɔhwɛ mu, sɛnea yɛn nso yɛkɔ yi, nanso wɔsan nyaa akokoɔduru na wɔnam Onyame dom so dii nkonim; na sɛ yɛhwe a, ɛhyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn pere a yɛre-pere apɛ trenee no mu. Sɛ yɛkan osuahu a ɛsom bo ahorow a wonyae no ho asɛm, ɛne hann ne ɔdɔ ne nhyira a wonyae, ɛne nnwuma a wɔnam ɔdom a wonyae no so yɛe, ne honhom a ɛkanyan wɔn no ho asɛm a, ɛnde ɛhyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn komam’ ma yɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛnea tetefo no yɛe no, na ɛma yɛpre hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn wɔ suban mu — na yɛne Nyame anante sɛ wɔn.KN 73.1

    Sɛ Yesu a yɛn daa nkwa anidaso gyina no so no kae Apamdedaw no ho asɛm se, “Na ɛne nea edi meho adanse” (Yoh. 5:39) a, mpɛn ahe ara na ɛnnyɛ nokware wɔ Apamfoforo no mu nso? Yiw, Kyerɛw Kronkron mu nsɛm nyinaa ka Kristo ho asɛm. Efi adebɔ mfiase ho asɛm — “Na wɔankwafi No anyɛ biribiara a wɔyɛe” (Yoh. 1:3), besi bɔhyɛ a etwa to no so —“Na hwɛ mereba ntɛm” (Adiyisɛm 22 : 12), yɛkan ne nnwuma ho nsɛm na yɛte Ne nne. Sɛ wopɛ sɛ wohu Agyenkwa no a sua Kyerɛw Kronkron no.KN 73.2

    Fa Onyame nsɛm hyɛ wo koma nyinaa ma. Ɛno ne nkwa nsu a edwudwo wo sukɔm no. Ɛno ne nkwa abodoo a efi ɔsoro no. Yesu pae mu kae se, “Sɛ moanni Onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu.” Na Ɔkyere ase se “Nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.” Yohane 6:53, 63. Nea yedi na yɛnom no na ɛyɛ yɛn honam; na sɛnea ɛte wɔ honam fam no, sɛ ɛte wɔ honhom fam nso ne no: nea yedwen ho no na ɛbɛma yen honhom fam ahoɔden.KN 73.3

    Nkwagye ho asɛm na abɔfo pɛsɛ wohu mu; ɛno na ɛbɛyɛ nyansapɛ ne dwom a wɔn a wobegye wɔn no bɛto mmeresanten nyinaa a wɔrennyae da. So saa ade yi ho nhia sɛ yɛbɛdwen ho na yesua no nnɛ da yi? Yesu dɔ ne ahummɔbɔ a ɛho nto kyima no afɔrebɔ a Ɔbɔ maa yɛn no ma yɛdwen ho. Ɛsɛ sɛ yɛtra yɛn Gyefo ne Dimafo no suban mu. Ɛsɛ sɛ yɛdwen nea Ɔbɛgyee Ne nnipa fii wɔn bɔne mu no adwuma a wɔhyɛ yɛn no ho. Sɛ yesusuw ɔsoro nneɛma ho saa a, yɛn gyidi ne dɔ mu bɛyɛ den, na Onyame betie yɛn mpaebɔ, efisɛ saa mpaebɔ no ne gyidi ne ɔdɔ bedi afra. Ɛbɛyɛ mpaebɔ pa a emu yɛ den. Yesu mu ahotoso no mu bɛyɛ den na Ne gye a Otumi gye wɔn a wɔnam No so ba Onyame nkyɛn no nyinaa mu ahotoso betim wɔ yɛn mu.KN 74.1

    Sɛ yesusuw Agyenkwa no pɛyɛ ho a yɛbɛpɛ dennen sɛ wɔbe-sakra yɛn koraa na yɛayɛ foforo wɔ Ne suban Kronkron no mu. Nea yɛ-kamfo No no ho kɔm ne sukɔm bɛde yɛn na yɛbɛyɛ se Ɔno. Bere dodow a yɛn adwene wɔ Kristo so no, mpɛm dodow no ara na yɛbɛka Neho asɛm akyerɛ afoforo, na yɛayi n’adi akyerɛ wiasefo.KN 74.2

    Wɔankyerɛw Kyerɛw Kronkron no amma nhoma nimfo nko; na mmom wɔyɛ maa nnipa nyinaa. Nokwasɛm akɛse-akɛse a ehia ma nkwagye no, wɔakyerɛw no pefee te sɛ owigyinae; obiara rennyɛ mfomso wɔ ho na obiara rennyera ne kwan no gye sɛ wɔn a wɔdi wɔn ankasa nsusui akyi mmom sen Onyame pɛ a wayi no adi pefee no.KN 74.3

    Ɛnsɛ sɛ yɛ-gye obi adansedi a ɛfa Kyerɛwsɛm no ho di kwa, na mmom ɛsɛ sɛ yɛn ankasa ara sua Onyame nsɛm no ma yɛn ho. Sɛ yɛma nnipa binom dwen ma yɛn a, yebe-di yɛn ahooden ne mirodenb dɛm. Sɛ yɛn ankasa ansusu nneema a ɛyɛ sɛ yesusu ho no a, ɛnde yɛn adwene mu tumi no bɛsɛe a yerentumi nso Onyame nsɛm no ntease a emu dɔ no mu. Sɛ yɛde yɛn adwene susuw Kyerɛw Kronkron no mu nsɛma-nsɛma no ho a, yɛn adwene mu bɛterɛw ama yɛde Kyerɛwsɛm ato Kyerɛwsɛm ho na yɛde honhom fam nneɛma ato honhomfam nneɛma ho.KN 74.4

    Biribiara nni hɔ a etumi terɛw adwene mu sen Kyerɛw Kronkron sua. Nhoma foforo biara nni hɔ a etumi ma adwene nkɔso, na ɛkanyan adwennwen sen Kyerɛw Kronkron nokware a ɛterɛw no. Sɛ anka nnipa sua Onyankopɔn asɛm sɛnea ɛsɛ a, anka wobenya adwene a emu dɔ, suban pa ne botae a etim a wɔn ntaa nhu nnɛ mmere yi mu.KN 75.1

    Nanso sɛ wokan Kyerɛw Kronkron no ɔhare so a, mfaso a wonya no sua koraa. Obi betumi akan Kyerɛw Kronkron no nyinaa, nanso ɔrenhu sɛnea ɛyɛ dɛ fa ana mpo ɔrente ne nkyerɛase a emu yɛ duru na ahinta no ase. Wobesua ɔfa ketewaa bi kosi sɛ adwene no bɛte nea asɛm no kyerɛ ase pefee na wahu sɛnea saa asɛm a ɛfa nkwagye ho no ye sen sɛ wɔbɛkan ti ahorow bebree a botae biara nnim’ na wonnya nkyerɛkyerɛ pɔtee biara. Ma wo Kyerɛw Kronkron mmɛn wo. Sɛ wonya bere ketewa bi a yi kan; ma emu nsɛm no nka wo trim. Bre a wonam abɔnten mu no mpo kan bi, na dwen ho na ma ɛnka wadwene mu.KN 75.2

    Sɛ yɛamfa mpaebɔ ansua na yɛamma yɛn adwene amma so a, yerennya nyansa biara mfi mu. Kyerɛwnsɛm no mu bi wɔ hɔ a emu da hɔ pefee a ɛnsɛ sɛ obi nnte ase, na-nso foforo wɔ hɔ a ne nkyerɛase nni aniani ha a wontumi nte ase prɛko pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde anyamesɛm to anyamesɛm foforo ho. Ɛsɛ sɛ wɔde anidaho hwehwɛ mu yiye na wɔde mpaebɔ dwen ho. Adesua a ɛte saa benya akatua a ɛsom bo. Sɛnea obi a odi asika hu sika a ahinta wɔ asase mu no, saa ara na obi a ɔde mmɔdenbɔ hwehwe Onyame asem mu no te se nea ɔrehwehwɛ ademude no behu nokware asɛm a ɛsom bo yiye koraa a ahinta wɔ ani-bianna-so ani so. Nkuranhyɛ nsɛm a wɔdwen ho wɔ komam’ no tesɛ nsuten a esian fi nkwa asuti mu.KN 75.3

    Ɛnsɛ sɛ wɔkwati mpaebɔ sua Kyerɛw Kronkron no dabiara da. Ansa na yebebue mu no ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Honhom mu ntease fi Onyame nkyɛn na yɛn nsa bɛka. Ansa na Natanael baa Yesu nkyɛn no Agyenkwa no teɛɛm se, “Hwɛ, nokware Israelni a naadaa nni no mu ni!” Natanael see no sɛ, “Ɛdɛn na wo de huu me?” Yesu buae se, Filipo nnya mfrɛɛ wo a wo wɔ brɔdɔma no ase no na mihuu wo.” Yoh. 1 : 48, 49 (Twi). Sɛ yɛbɛhwɛ no apɛ hann a yɛde behu nokware a Yesu behu yɛn nso wɔ kokoam mpaebɔ mu. Wɔn a wɔde ahobrɛase koma hwehwɛ ɔsoro mmoa no, abɔfo a wofi hann asase so no bɛboa wɔn.KN 76.1

    Honhom Kronkron no yi Agyenkwa No adi kyerɛ na ɛhyɛ No anuonyam. Ɛyɛ N’adwuma sɛ ɔde Kristo kyerɛ, na Ɔkyere Ne trenee kronkron ne nkwagye kɛse a yɛnam No so nya no. Yesu se, “Ɔbɛfa mede bi na Ɔde abɛkyerɛ mo.” Yoh. 16 : 14. Nokware Honhom no nkutoo na ɛkyerɛ nokware Kronkron. Dɛn ara koraa na Onyame bu adasamma, sɛ Ɔde Ne ba maae sɛ Onwu ma won, na Ɔde Ne honhom ama sɛ ɔnnyɛ onipa kyerɛkyerɛfo.KN 76.2

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents