Loading...
Larger font
Smaller font
Copy
Print
Contents
  • Results
  • Related
  • Featured
No results found for: "".
  • Weighted Relevancy
  • Content Sequence
  • Relevancy
  • Earliest First
  • Latest First
    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents

    Kraatafa 6—Gyidi ne Ogye

    Sɛnea Honhom Kronkron no aka wo ahonim nti, woahu bɔne mu ɔhaw ne ne tumi n’afɔdi ne mmusu a ɛwom. Ne saa nti wukyi. Wuhu sɛ bɔne atew wo ne Onyankopɔn ntam, ɛno nti ɛhyɛ wo so. Bere dodow a wotetew wo ho no, bere dodow no ara na wuhu wo mmerɛwyɛ nso. Woadwene ho agu fi; koma mu nso ntew. Wuhu sɛ pɛsɛmenkominya ne bɔne ahyɛ w’oabrabɔ mu ma. Wopɛ sɛ wɔde wo bɔne firi wo, na wɔtew wo ho, na woade wo ho.KN 41.1

    Wobɛyɛ dɛn na wo ne Nyame ayɛ biako na woasɛ no? Asomdwoee na ehia wo — ɔsoro fafiri ne asomdwoee ne ɔdɔ wɔ ɔkara mu. Sika ntumi ntɔ; adwene ntumi nnya; nyansa ntumi nnu ho; worentumi mfa woankasa anidaso ne mmodenbɔ nnya. Na Onyankopon de ma wo sɛ akyɛde, “Ɛnyɛ sika na ɛnyɛ bo so.” Yes. 55 : 1. Sɛ woteɛ wo nsa so mu a ɛbɛyɛ wode kwa. Nea Awurade se ni, . . . sɛ mo bɔne te sɛ damrama a, ɛbɛhoa sɛ sukyrɛma; sɛ ɛbere sɛ nkranhoma a, ɛbɛyɛ sɛ oguanhwi. ‘ Yes. 1 : 18. “Na mɛma mo koma foforo, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu.” Hes. 36 : 26.KN 41.2

    Woaka wo bɔne, na w’agyae yɛ. Woayɛ woadwene sɛ wode wo ho bɛma Onyankopɔn. Na afei kɔ Ne nkyɛn ma ɔnhohoro wo bɔne na Ɔma wo koma foforo. Na gye di sɛ ɔyɛ eyi efisɛ Wahyɛ wo bɔ ntia. Eyi na Yesu kyerɛe bere a Ɔwɔ asase so no, sɛ akyɛde a Onyankopɔn hyɛ yɛn ho bɔ no yennye nni sɛ yɛn nsa ka na ɛyɛ yɛn dea. Ɛnam nnipa no gyidi a wonyae wƆ ne tumi mu nti Yesu saa wɔn nyarewa; ɔnam nneɛma a wohu so boa wɔn ma wonyaa ne mu gyidi wɔ nneɛma a wonhu ho — ɛtwee wɔn adwene gyinaa tumi a ƆWƆ sɛ ɔde bɔne firi so. Ɔdaa eyi adi pefee ɔdwɔkɔni no ayaresa mu se; “Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ ahoɔden asase so sɛ Ɔde bɔne firi nti: — Ɛno na osee ɔdwɔkɔni no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.” Mat. 9 : 6. Saa ara nso na Yohane ɔsɛmpakafo no ka faa Kristo nsɛnkyerɛnne ho se: “Eyinom na wakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn ba, na mugye di a, moanya nkwa (wɔ) ne din mu.” Yoh. 20 : 31.KN 41.3

    Ɛnam Kyerɛw Kronkron nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea Yesu saa ayarefo ayare nti ɛma yetumi gye no di wɔ bɔne fafiri ho. Mommo yɛnnkae Bɛtɛsda ɔdwɔkɔni no ho asɛm no: Na ɔyɛ mmɔbɔ sɛ; mfe aduasa-awotwe na ontumi nsɔree da. Nanso Yesu hyee no sɛ: “Sɔre, na fa wo kɛtɛ nantew.” Anka ɔyarefo no tumi ka se — “Awurade, sɛ wobɛsa me yare a, metie woasem.” Nanso ɛnte saa,ogyee Kristo asɛm dii, ogye dii sɛ ne ho asan no, na ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɔhyɛɛ no no ɛhɔ ara; onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛnantew, enti nso ɔnantewe. Odii Kristo asɛm so, na Onyankopɔn maa no ahoɔden ma ne ho san no.KN 42.1

    Saa ara na wo nso woyɛ ɔdebɔneyɛfo. Worentumi mpata mma wo bɔne dedaw no, worentumi nsakra wo koma, na worentumi nyɛ wo ho kronkron. Mmom Onyankopɔn hyɛ wo bɔ sɛ ɔnam Kristo so bɛyɛ eyi nyinaa ama wo. Wo de, gye di; ka wo bɔne; na fa wo ho hyɛ Onyame nsa. Wo de nya ɔpɛ sɛ wobɛsom No. Na sɛ nokware so woyɛ eyi a, Onyankopɔn bedi Ne bɔhyɛ so ama wo. Sɛ wogye bɔhyɛ no di a, ɛnde gye di sɛ wɔde wo bɔne afiri wo na watew wo ho. Onyame na ɔma ahosan; Sɛnea Kristo maa ɔdwɔkɔni a ogye dii no ahoɔden ma ɔnantewe no, sɛ nso wugye di a, ɛbɛyɛ ama wo ne no.KN 42.2

    Ntwɛn nkosi sɛ woho bɛyɛ wo den ansa, na mmom ka sɛ, “Megye midi; ɛte saa, ɛnyɛ sɛ ebia mete no wɔ me mu nti a, na mmom ɛwom sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ.”KN 43.1

    Yesu se, “Ade biara a mobɛserɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mobenya, na ɛbɛyɛ ama mo.” Marko 11 : 24. Saa bɔhyɛ yi gyina biribi so — ɛne sɛ yɛbɛbɔ mpae Onyankopɔn pɛ so. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Ɔtɛw yɛn ho fi bɔne ho, na Ɔyɛ yɛn Ne mma, na yeatumi atra ase wɔ abrabɔ kronn mu. Ɛsɛ se yebisa saa nhyira yi na yɛada Onyame ase WD SO sɛ yɛn nsa aka. Ɛsɛ yɛn sɛ yɛkɔ Yesu hɔ kɔtɛw yɛn ho, na yɛatumi agyina N’anim a aniwu nni mu. “Afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a WDWD Kristo Yesu mu a wDnnante honam fam, na mmom wɔnam honhom de mu.” Rom. 8:1.KN 43.2

    Efi mprempren rekɔ yi monnyɛ mo ankasa mo de bio; watɔ mo aboɔden. “Wɔamfa nneɛma a ɛporɔ, dwetɛ ana sika, . . . na mmom, wɔde Kristo a Ɔte sɛ Oguamma a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.” 1 Pet. 1 : 18, 19. Ɛnam sɛ wagye Onyankopɔn adi nti, Honhom Kronkron No ama wo koma foforo. Wote sɛ abofra a wɔawo no ato Onyankopɔn abusua mu, na ɔdɔ WO sɛnea ɔdɔ Ne Ba.KN 43.3

    Afei a wode wo ho ama Yesu yi, nsan w’aokyi bio, nyi woho mfi Ne ho, na mmom ka daa nyinaa se, “Meyɛ Kristo de; mede meho mama No;” bisa No ma ɔmfa Ne Honhom mma wo na ɔmfa Ne dom nhwɛ wo so. Na sɛnea wode woho ma Onyankopɔn na wogye No di a woyɛ Ne ba no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wotra Ne mu. Ɔsomafo no se, “Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnante No mu sa.” Kol. 2 : 6.KN 43.4

    Binom susu wɔn mu sɛ, etwa sɛ wɔtra asɛ kakra sɔ wɔn bra hwɛ na sɛ wɔafata Awurade anim sɛ wasesa ansa na wɔanya Ne nhyira. Mmom ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Onyame nhyira no nnɛ. Ɛsɛ sɛ wonya Ne dom, ne Kristo Honhom ma ɛboa wɔn mmerɛwyɛ no, na sɛ anyɛ sa a, wɔrentumi nsiw bɔne ho kwan. Yesu dɔ sɛ yɛba Ne nkyɛn sɛnea yɛte no ara, wɔ bɔneyɛ, ne mmerɛwyɛ mu, na sɛnea yɛ-dan yɛn ankasa yɛn ho no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔmmerɛw, yɛn mmfomso, yɛn bɔneyɛ bɛhwe Ne nan ase wɔ adwensakra mu. Ɛyɛ fɛ sɛ Ɔde Ne dɔ basa no bebam yɛn na Wakyekye yɛn akuru na Watew yen ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.KN 43.5

    Eyi mu na mpempem fom: wonnye nni sɛ Yesu de wɔn bɔne afiri wɔn mmiako-mmiako. Wonnye Onyankopɔn asɛm no nni. Ɔkwan da hɔ ma wɔn a wodi Ne nhyehyɛe so sɛ, wohu sɛ bɔne-fafiri wɔ hɔ ma bɔne biara. Tow nsusu-hunu a ɛkyerɛ se Onyankopɔn bɔhyɛ no nni hɔ mma wo no gu. Bɔhyɛ yi da hɔ ma ɔbɔnefo biara a wasakra n’adwene. Onyankopɔn soma abɔfo asomfo ma wɔde ahoɔden ne ɔdom fa Kristo so brɛ ɔkara a ogye di. Onipa biara nni hɔ a ne bɔne dɔɔSo dodow a ɛremma onnya ahoɔden, ahotew, ne trenee wɔ Yesu a owu maa nnipa nyinaa no mu.KN 44.1

    Onyankopɔn ne yɛn nni sɛnea yɛne yɛn-ho-yɛn ho di no no. N’adwene yɛ ahummɔbɔ, ɔdɔ ne ayamhyehye adwene. Ose, Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa-huhu mpa n’adwene na ɔsan mmera Yehowa nkyɛn, na Ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na Ne firi a Ɔde befiri dɔɔso! “Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo “bɔne sɛ suwisie! Yes. 55 : 7; 44 : 22.KN 44.2

    “Na minnya nea ɔrewu no wu ho anigye, Awurade Yehowa asɛm ni; enti monsan, na mommenya nkwa!” Hesekiel 18 : 32. Satan asiesie ne ho sɛ ɔbɛsɛe Nyame nokware abotɔyam asɛm no. Ɔpɛ sɛ ogye hann mu anidaso a ɛyɛ ɔkara de no; na nso mma no kwan. Nnyɛ aso mma ɔsɔhwɛfo no na mmom ka se: Yehu awu ama manya nkwa. Ɔdɔ me, na ɔmmpɛ sɛ mɛyera. Me-wɔ ahummɔbɔ Agya Wɔ ɔsoro; ɛwom sɛ magu Ne dɔ no anim ase, mahwere nhyira a ɔde maa me no de, na-nso mɛsɔre makɔ n’ agya nkyɛn, na mase no sɛ, “Mayɛ ɔsoro ne wo anim bɔne; na mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio: na yɛ me sɛ wo apaafo no mu biako.” Ɛbɛ yi kyerɛ wo sɛnea wɔbɛgye ɔkobɔni no: “Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kɔsoo ne kɔn mu, na ɔfew n’ano.” Luka 15 :18-20.KN 44.3

    Ɛwom sɛ saa bɛ yi yɛ awerɛhow na egu awɔse de, nanso mpo entumi nkyerɛ ayamhyehye kɛse ko a yɛn soro Agya no nya wɔ yɛn ho. Awurade nam ne diyifo so ka se: “Daa ɔdɔ na mede madɔ wo, enti na matwe wo ache so.” Yeremia 31 : 3. Bere a DbDnefo no afi n’agya fi da so te akyirikyiri WD ananafo asase so resee n’ahode no, na Onyame yam hyehye no ma no; na ɔpe biara a ɔkara nya se ɔbesan akɔ Onyankopɔn nkyen no fi Nyame Honhom a ɛknkrɔ ɔkobɔni no ma ɔkɔ Agya no dɔ ho.KN 45.1

    So wobɛma akyinnyegye ho kwan, bere a Kyerɛw-Kronkron mu bɔhyɛ da wanim yi? So wugyedi sɛ ɔbɔnefo nya ɔpɛ sɛ ɔbɛsan n’akyi, anasɛ onya ɔpɛ sɛ obegyae ne bɔne mu a, Awurade besiw no kwan sɛ ɔremma ɔmma Ne nkyɛn wɔ ahonu mu ana? Yi saa adwene yi fi wo tirim. Biribiara nni hɔ a ebetumi akum wankasa wo kara sen sɛ wobenya saa adwemmone yi wɔ yɛn soro Agya no ho wɔ wo mu Onyame tan bɔne nanso Ɔdɔ ɔdebɔneyɛfo. Ɔnam Kristo Nipadua so gyee obiara a ɔpɛ no nkwa, na wanya daa nhyira wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Na afei ɔkasasie a emu yɛ den anasɛ emu yɛ mmerɛw bɛn na ɛsen eyi a anka ɛsɛ sɛ ɔfa so yi Ne dɔ no adi kyerɛ yɛn? Ose: “so ɔbaa werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam anhyehye no ne yafumma ho ? Sɛ eyinom werɛ befi po a, Me de, Me werɛ remfi wo.” Yesaia 49 : 15.KN 45.2

    Monhwɛ soro, mo a moho popo na moregye mo mu nkyinnye; efisɛ Yesu wɔ hɔ redi ama yɛn, Mo nna Onyankopɔn ase wɔ Ne dɔ Ba a Ɔde No akyɛ mo no nti, na momɔ mpae ma Ne wu no ho mmra mfaso. Honhom No frɛ wo nnɛ. Fa wo koma nyinaa bra Yesu hɔ, na bɛgye Ne nhyira.KN 45.3

    Bere a wo kenkan bɔhyɛ no, kae hu sɛ ɛyɛ ɔdɔ a enni kabea ne ahummɔbɔ. Onyame dɔ no de ayamhyehye kɛsɛ atwe kɔ ɔdebɔneyefo ho. . . Yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no.” Efesofo 1 : 7. Yiw, gye di ara sɛ Onyankopɔn ne wo boafo. Ɔpe se nnipa nya Ne suban pa no bi. Sɛ wonam bɔneka ne adwensakra so twiw ben No a, Dno nso de ahummɔbɔ ne fafiri betwiw abɛn wo.KN 45.4

    Larger font
    Smaller font
    Copy
    Print
    Contents